Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 9:8 - Twerɛ Kronkron

8 Ɛnna amannifoɔ ne wɔn a kane wɔhunuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfoɔ no kaa sɛ: Ɛnyɛ oyi na na ɔte hɔ srɛsrɛ adeɛ no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Onifuraefo no afipamfo a wohuu no sɛ ɔte kwan ho srɛsrɛ ade no huu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛnyɛ aberante a na ɔsrɛsrɛ ade no ni?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛnna amannifoɔ ne wɔn a kane wɔhunuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfoɔ no kaa sɛ: Ɛnyɛ oyi na na ɔte hɔ srɛsrɛ adeɛ no?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Onifirani no afipamfoɔ a wɔhunuu no sɛ ɔte ɛkwan ho srɛsrɛ adeɛ no hunuu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛnyɛ aberanteɛ a na ɔsrɛsrɛ adeɛ no ni?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna afipamfo ne wɔn a kan wohuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfo no kae sɛ: Ɛnyɛ oyi na ɔte hɔ srɛsrɛ ade no?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 9:8
9 Referencias Cruzadas  

Wɔduruu Yeriko. Na ɔne n’asuafoɔ no ne nkurɔfokuo bebree refiri Yeriko akorɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifirani no, te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.


Na n’afipamfoɔ ne n’abusuafoɔ tee sɛdeɛ Awurade ayɛ no adɔeɛ kɛseɛ no, wɔne no ani gyee.


Na ɛbaa sɛ ɔrebɛn Yeriko no, na onifirani bi te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.


Ebinom se: Ɔno ni! Na ebinom nso se: Ɔsɛ no. Na ɔno ara se: Mene no.


Na wɔn baanu no nante bɛduruu Betlehem. Na wɔduruu Betlehem no, wɔn nti kuro no nyinaa bɔɔ twi na wɔkaa sɛ: Naomi nie?


Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


Na Akis nkoa ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛnyɛ Dawid, asase no so hene no nie? Ɛnyɛ oyi na wɔtoo ne ho dwom asa mu kaa sɛ: Saulo akum n’apem, na Dawid akum ne mpem du no?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios