Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 9:5 - Twerɛ Kronkron

5 Mewɔ wiase yi, mene wiase hann.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Bere a mewɔ wiase yi de, mene wiase hann no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Mewɔ wiase yi, mene wiase hann.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛberɛ a mewɔ ewiase yi deɛ, mene ewiase hann no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Mewɔ wiase yi, mene wiase hann.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 9:5
17 Referencias Cruzadas  

ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ,


ɔman a wɔte sum mu no hunuu hann kɛseɛ bi na wɔn a wɔte owuo asase soɔ ne ne sunsum mu no, hann bi apue ama wɔn.


Mone wiase hann. Kuro a ɛda bepɔ soɔ ntumi nhunta.


kanea a ɛbɛma amanaman so ateɛ na ɛbɛhyɛ wo man Israel animuonyam.


Maba wiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me die no antena sum mu.


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ: Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea, na woayɛ nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu.


Sɛ Kristo no bɛhunu amane, na wadi awufoɔ sɔreɛ mu kan ama wɔaka hann ho asɛm akyerɛ ɔman no ne amanaman mufoɔ no.


Enti na ɔse: Wo a woada, nyane, na sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.


Na ɛnhia sɛ owia anaa ɔsrane bɛpae wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Nyankopɔn animuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Adwammaa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios