Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 8:37 - Twerɛ Kronkron

37 Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ; nanso mohwehwɛ me aku me, ɛfiri sɛ m’asɛm nsene mo mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 Migye to mu sɛ moyɛ Abraham asefo, nanso morehwehwɛ me akum me, efisɛ munni ne nkyerɛkyerɛ so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

37 Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ; nanso mohwehwɛ me aku me, ɛfiri sɛ m’asɛm nsene mo mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 Megye tom sɛ moyɛ Abraham asefoɔ nanso morehwehwɛ me akum me, ɛfiri sɛ, monni ne nkyerɛkyerɛ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

37 Minim sɛ moyɛ Abraham asefo; nanso mohwehwɛ me akum me, efisɛ m’asɛm nsen mo mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 8:37
22 Referencias Cruzadas  

Na onipa a ɔnni honhom no nnye Nyankopɔn Honhom adeɛ, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ɔntumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔbu mu atɛn honhom mu.


nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefoɔ nti, wɔn nyinaa yɛ Abraham mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.


Na yeinom akyiri no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ ɔkyini Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no.


Ɛnna wɔtasee aboɔ sɛ wɔbɛto abɔ no, na Yesu huntae, na ɔfiri asɔrefie hɔ kɔe.


Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.


Adɛn nti na monte me kasa aseɛ? Ɛfiri sɛ montumi ntie m’asɛm.


Ɛnna ɛfiri da no ara wɔtutuu agyina wɔn mu sɛ wɔbɛku no.


Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no? Nanso mo mu biara nni mmara no so. Adɛn na morehwehwɛ me aku me?


Ɛnna Yudafoɔ no tasee aboɔ bio sɛ wɔde rebɛsi no.


Na yei deɛ, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase, de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.


Ɛnna Yerusalemfoɔ no mu bi kaa sɛ: Ɛnyɛ oyi ne deɛ wɔrehwehwɛ no aku no no?


Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ?


Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔn aso mu ayɛ duru, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho, na mansa wɔn yadeɛ.


Wɔbuaa no sɛ: Abraham asefoɔ ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehyeɛ?


Na monnsusu nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.


Mo agya Abraham ho sanee no sɛ ɔbɛhu me da; na ɔhunui, na n’ani gyee.


Agyanom, matwerɛ mabrɛ mo sɛ, monim deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no. Mmeranteɛ, matwerɛ mabrɛ mo sɛ, mo ho yɛ den, na Nyankopɔn asɛm no te mo mu, na moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios