Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 7:6 - Twerɛ Kronkron

6 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me deɛ, me berɛ nnya nnurui, na mo berɛ deɛ, ɛduru daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me bere nnuu ɛ, na mo de bere biara ye ma mo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me deɛ, me berɛ nnya nnurui, na mo berɛ deɛ, ɛduru daa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me berɛ nnuruiɛ; na mo deɛ, ɛberɛ biara yɛ ma mo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me de, me bere nnya nnui, na mo bere de, edu daa.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 7:6
10 Referencias Cruzadas  

Wobɛsɔre abɛhunu Sion mmɔbɔ, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛberɛ no adu.


Na ɔse: Monkɔ kuro no mu asomasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se: Me berɛ abɛn; wo nkyɛn na mene m’asuafoɔ rebɛdi Twam (afahyɛ) no.


Na Twam afahyɛ no rebɛduru no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wiase akɔ Agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ.


Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam,


Yesu see no sɛ: Ɔbaa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnurui!


Enti na anka wɔrehwehwɛ no akye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.


Mo deɛ, monkɔ afahyɛ yi ase. Me deɛ, mennya menkɔɔ afahyɛ yi ase; ɛfiri sɛ me berɛ nnya nnurui.


Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefie no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankye no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.


Na ɔbuaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo asɛm, sɛ mobɛhunu berɛ anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ ɔno ara ne tumi mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios