Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 7:45 - Twerɛ Kronkron

45 Ɛnna asomfo no baa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn, na wɔbɛbisaa wɔn sɛ: Adɛn nti na moamfa no amma?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

45 Asomfo no san kɔe no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moamfa no amma?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

45 Ɛnna asomfoɔ no baa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn, na wɔbɛbisaa wɔn sɛ: Adɛn nti na moamfa no amma?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

45 Asomfoɔ no sane kɔeɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moamfa no amma?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

45 Ɛnna asomfo no baa asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn, na wobisaa wɔn sɛ: Dɛn nti na moamfa no amma?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 7:45
6 Referencias Cruzadas  

Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfoɔ no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awieeɛ.


Na wɔn mu binom sii mu kɔɔ Farisifoɔ no nkyɛn, na wɔkɔkaa wɔn deɛ Yesu yɛeɛ no.


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no maa wɔkɔhyiaa badwafoɔ no, na wɔkaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ, ɛfiri sɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ pii.


Farisifoɔ no tee sɛ nkurɔfokuo no rewiinwii keka yeinom wɔ ne ho. Na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no somaa asomfoɔ sɛ wɔnkɔkye no.


N’awofoɔ kaa yei, ɛfiri sɛ na wɔsuro Yudafoɔ no; na Yudafoɔ no apam dada sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔno ne Kristo no a, wɔbɛtu no afiri hyiadan mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios