Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 7:23 - Twerɛ Kronkron

23 Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, adɛn nti na mo bo afu me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Sɛ mutwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn nti na sɛ mesa obi yare homeda a, mo bo fuw me?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, adɛn nti na mo bo afu me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Sɛ motwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn enti na sɛ masa obi yadeɛ homeda a, mo bo fu me?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, dɛn nti na mo bo afuw me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 7:23
9 Referencias Cruzadas  

Enti monni homeda no, na ɛyɛ kronkron ma mo; obiara a ɔbɛgu ho fi no, kum na wɔbɛku no; na obiara a ɔyɛ mu adwuma no, wɔbɛtwa saa kra no afiri ne man mu atwene.


Na hwɛ, na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awuo. Na wɔbisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano.


Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafoɔ yɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda.


Anaasɛ monkenkann mmara no mu, sɛdeɛ homeda, asɔfoɔ a wɔwɔ asɔrefie no sɛe homeda nanso wɔnni ho fɔ no?


Enti Yudafoɔ no ka kyerɛɛ deɛ wɔasa no yadeɛ no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wonni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ.


Yesu bua see wɔn sɛ: Mayɛ adwuma baako, na yei na ɛyɛ mo nyinaa nwanwa.


Ɛnna Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ: Onipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa debɔneyɛni bɛtumi ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛte seyie? Na mpaepaemu baa wɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios