Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 4:7 - Twerɛ Kronkron

7 Na ɔbaa bi a ɔfiri Samaria baa hɔ bɛtoo nsuo. Yesu see no sɛ: Ma me bi mennom!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ankyɛ na Samarianibea bi baa hɔ bɛtow nsu maa Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsu no bi nnom.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔbaa bi a ɔfiri Samaria baa hɔ bɛtoo nsuo. Yesu see no sɛ: Ma me bi mennom!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ankyɛre, Samariani baa bi baa hɔ bɛtoo nsuo, na Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsuo no bi nnom.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔbea bi a ofi Samaria baa hɔ bɛtow nsu. Yesu see no sɛ: Ma me bi mennom!

Ver Capítulo Copiar




Yohane 4:7
9 Referencias Cruzadas  

Na ɔsomfoɔ no tuu mmirika kɔhyiaa no sɛ: Mesrɛ wo, ma mennom w’ahina yi mu nsuo kakra.


hwɛ, megyina asubura yi ho, na ma no mmra sɛ ababaa a ɔbɛfiri abɛsa nsuo no, na mɛse no sɛ: Mesrɛ wo, ma me w’ahina yi mu nsuo kakra mennom,


Na ɔsɔre kɔɔ Sarefat. Na ɔduruu kuro no pono ano no, na hwɛ, ɔbaa kunafoɔ no wɔ hɔ repɛ mmaboa. Na ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔsa nsuo kakra gu kuruwa mu brɛ me na mennom.


Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa ma osuani din mu no, nokorɛ mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no.


Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, (sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti), ɔkaa sɛ: Osukɔm de me.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.


Nso na Yakob abura wɔ hɔ. Na ɛnam sɛ Yesu abrɛ wɔ n’akwantuo mu nti, ɔtenaa abura no so. Na abɔ bɛyɛ sɛ awia dummienu.


Na n’asuafoɔ no kɔ kuro no mu rekɔtɔ aduane.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios