Yohane 4:27 - Twerɛ Kronkron27 Saa berɛ no ara na n’asuafoɔ no baeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ ɔne ɔbaa no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: Deɛn na wohwehwɛ? Anaasɛ: Adɛn na wo ne ɔbaa no rekasa yi? Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm27 Yesu ano sii pɛ na nʼasuafo no san bae. Ɛyɛɛ asuafo no nwonwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbea bi redi nkɔmmɔ. Nanso wɔn mu biara ammisa ɔbea no nea ɔrehwehwɛ ne Yesu nso, nea enti a ɔne saa ɔbea no redi nkɔmmɔ no. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible27 Saa berɛ no ara na n’asuafoɔ no baeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ ɔne ɔbaa no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: Deɛn na wohwehwɛ? Anaasɛ: Adɛn na wo ne ɔbaa no rekasa yi? Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm27 Yesu ano siiɛ pɛ na nʼasuafoɔ no sane baeɛ. Ɛyɛɛ asuafoɔ no nwanwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbaa bi redi nkɔmmɔ. Nanso, wɔn mu biara ammisa ɔbaa no deɛ ɔrehwehwɛ ne Yesu nso deɛ enti a ɔne saa ɔbaa no redi nkɔmmɔ no. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON27 Saa bere no ara na n’asuafo no bae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ ɔne ɔbea no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: Dɛn na wohwehwɛ? Anaasɛ: Adɛn na wo ne ɔbea no rekasa yi? Ver Capítulo |