Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 4:12 - Twerɛ Kronkron

12 Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi, na ɔno ara ne ne mma ne ne mmoa nomm bie no anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Yakob a otuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nguan ne nʼanantwi nom mu nsu bi no ana?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi, na ɔno ara ne ne mma ne ne mmoa nomm bie no anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Woyɛ ɔkɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔtuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nnwan ne nʼanantwie nom mu nsuo bi no anaa?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 So woyɛ kɛse sen yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi na ɔno ankasa ne ne mma ne ne mmoa nom bi no anaa?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 4:12
8 Referencias Cruzadas  

Anafoɔ fam hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa; na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha.


Yesu see no sɛ: Obiara a ɔnom nsuo yi bie no, osukɔm bɛde no bio.


Yɛn agyanom sɔree bepɔ yi so; na mo deɛ, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre.


Na afei ɔduruu Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asasewa a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.


Nso na Yakob abura wɔ hɔ. Na ɛnam sɛ Yesu abrɛ wɔ n’akwantuo mu nti, ɔtenaa abura no so. Na abɔ bɛyɛ sɛ awia dummienu.


Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? Na adiyifoɔ no nso wui a; ɛnneɛ na woreyɛ wo ho hwan ni?


Na oyi deɛ, wɔabu no sɛ animuonyam bebree sɛ no, sene Mose, te sɛ deɛ ɔsi efie wɔ anidie bebree sene efie no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios