Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 3:12 - Twerɛ Kronkron

12 Sɛ maka mo fam asɛm na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka mo ɔsoro nsɛm a, mobɛgye adie?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a mubegye adi?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Sɛ maka mo fam asɛm na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka mo ɔsoro nsɛm a, mobɛgye adie?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a, mobɛgye adi?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Sɛ maka mo fam asɛm na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka mo ɔsoro nsɛm no a, mubegye adi?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 3:12
13 Referencias Cruzadas  

Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ; nanso monnye yɛn adanseɛ no.


Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforɔ a, ɔrentumi nhunu Nyankopɔn ahennie no.


Yesu buaa sɛ: Mereka no nokorɛ mu pefee akyerɛ wo sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu.


Mframa bɔ kɔ faako a ɛpɛ, na wote ne nka, na wonnim faako a ɛfire ne faako a ɛrekorɔ. Saa ara nso na obiara a wɔawo no Honhom mu no teɛ.


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


Ɛno ho na yɛwɔ nsɛm pii a asekyerɛ yɛ den, nanso mo aso asisi.


Yei mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios