Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 18:25 - Twerɛ Kronkron

25 Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wo nso, womfiri n’asuafoɔ no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Bere a Petro da so gyina hɔ reto gya no bi no, wɔn a na wogyina hɔ no mu bi bisaa no se, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafo no mu baako ana?” Petro san bio sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wo nso, womfiri n’asuafoɔ no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Ɛberɛ a Petro da so gyina hɔ reto ogya no bi no, wɔn a na wɔgyina hɔ no mu bi bisaa no sɛ, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafoɔ no mu baako anaa?” Petro sanee bio sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wosee no sɛ: Wo nso wumfi n’asuafo no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi!

Ver Capítulo Copiar




Yohane 18:25
13 Referencias Cruzadas  

Na Sara sanee sɛ: Menseree, ɛfiri sɛ na ɔsuro. Na ɔse: Dabi, woasere.


Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.


Na Petro deɛ ɔte adihɔ hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Na wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam!


Na Petro wɔ fam adihɔ no, ɔsɔfo panin no mmaawa mu baako bae,


Na wɔsɔɔ ogya adihɔ hɔ na wɔtenaa ho no, Petro bɛtenaa wɔn mu.


Na abaawa bi hunuu no sɛ ɔte gya no ho, na ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam.


Na ɔsanee sɛ: Ɔbaa, menni no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios