Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 13:16 - Twerɛ Kronkron

16 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Akoa nsene ne wura, na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mereka nokware akyerɛ mo se, akoa nsen ne wura; saa ara na ɔsomafo nso nsen nea ɔsomaa no no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Akoa nsene ne wura, na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, akoa nsene ne wura; saa ara nso na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Akoa nsen ne wura, na ɔsomafo nsen nea ɔsomaa no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 13:16
7 Referencias Cruzadas  

Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ; deɛ wasua biribi ahunu na ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ.


Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wɔbɛdi mo deɛ so bi.


Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforɔ a, ɔrentumi nhunu Nyankopɔn ahennie no.


Yesu buaa sɛ: Mereka no nokorɛ mu pefee akyerɛ wo sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu.


Na Tito deɛ, ɔyɛ me yɔnko ne me yɔnko dwumayɛfoɔ ma mo; yɛn nuanom no deɛ, wɔyɛ asafo ahodoɔ no asomafoɔ, Kristo animuonyam.


Nanso masusu ho sɛ ɛhia sɛ mesoma Epafrodito a ɔyɛ me nua ne yɔnko dwumayɛfoɔ ne yɔnko sraani ne mo somafoɔ ne me dɛɛfoɔ, ma no ba mo nkyɛn;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios