Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 12:32 - Twerɛ Kronkron

32 Na me deɛ, sɛ wɔma me so firi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Sɛ wonya ma me so fi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

32 Na me deɛ, sɛ wɔma me so firi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Sɛ wɔnya ma me so firi asase mu a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

32 Na me de, sɛ wɔma me so fi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 12:32
23 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ monya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no, na memmɔ me ara me tirim menyɛ biribi, na sɛdeɛ Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno saa na meka.


Na sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ no so wɔ ɛserɛ soɔ no, saa ara na ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ,


Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ.


Obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me deɛ, mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.


Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn deɛ ho nko, na mmom wiase nyinaa deɛ ho bi.


a ɔde ne ho maa sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa sɛ ɛnyɛ adanseɛ ɛberɛ a wɔahyɛ mu.


Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛnam Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.


Wɔde Kristo yɛɛ abusudeɛ maa yɛn, ama no atɔ yɛn afiri mmara nnome mu, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛne dua soɔ,


Ɔno na ɔbaa adansedie sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ, na nnipa nyinaa nam ne so agye adi.


Nnipa nhoma na mede metwee wɔn, ne ɔdɔ ntampehoma nso, na meyɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔmema kɔnnua soɔ wɔ wɔn nnyepi so, na meyɛɛ no brɛɛ memaa no didii.


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu.


Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota.


ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


Nkurɔfokuo no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛate no mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wose: Ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ? Hwan ne Onipa Ba yi?


Twe me di w’akyi! Ma yɛnka yɛn ho nkɔ. Ɔhene de me aba ne mpia mu. Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho, yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. Tenenee so na wɔdɔ woɔ.


Na Absalom hyiaa Dawid mmarima no; nso na Absalom te afunumupɔnkɔ so, na afunumupɔnkɔ no de no faa odum kɛseɛ bi mman kusuu ase, na ne tirinwi kɔsɔɔ odum no dubaa so maa no sensɛnee ɔsoro ne fam ntam, na afunumupɔnkɔ a ɔwɔ n’aseɛ no gyaa ne hɔ kɔe.


Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam.


(Ɛbaa saa na Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owu korɔ a ɔrebɛwuo no aba mu.)


Na Mose yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ no, na ɔde no sɛnee frankaa dua no so, na sɛ ɔwɔ ka obi na ɔhwɛ kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ no a, na wanya nkwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios