Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 11:5 - Twerɛ Kronkron

5 Nso Yesu dɔ Marta ne ne nuabaa no ne Lasaro.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabea Marta ne Lasaro asɛm yiye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Nso Yesu dɔ Marta ne ne nuabaa no ne Lasaro.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabaa Marta ne Lasaro asɛm yie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Nso Yesu dɔ Marta ne ne nuabea no ne Lasaro.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 11:5
11 Referencias Cruzadas  

Na ɛbaa sɛ wɔrekorɔ no, ɔkɔɔ akuraa bi ase. Na ɔbaa bi a wɔfrɛ no Marta faa no kɔɔ ne fie.


Na Marta deɛ, ɔbrɛɛ ne ho ɔsom pii ho; na ɔbɛgyinaa hɔ kaa sɛ: Awurade, wonhwɛ sɛ me nua agya me nko hɔ, na meresom? Enti ka kyerɛ no, na ɔmmɛsɔ me mu abia.


Na Awurade bua see no sɛ: Marta, Marta, wodwendwene, na woha wo ho nnoɔma pii ho;


Na ɔyarefoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ɔfiri Betania, Maria ne ne nuabaa Marta kuro mu.


Enti ne nuammaanom soma baa Yesu nkyɛn sɛ: Awurade, hwɛ, deɛ wodɔ no no yare.


Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: Hwɛ dɔ a ɔdɔ no!


Na afei ɔtee sɛ ɔyareɛ no, ɔtenaa faako a ɔwɔ hɔ no ara nnanu.


Asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, nnansa yi ara, na Yudafoɔ rehwehwɛ sɛ wɔsi wo aboɔ, na worekɔ hɔ bio yi?


na Agya no ara dɔ mo, ɛfiri sɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mefiri Agya no nkyɛn na mebaeɛ.


na mayi wo din makyerɛ wɔn, na mɛyi makyerɛ. Na ɔdɔ a wode dɔ me no atena wɔn mu, na matena wɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios