Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 11:39 - Twerɛ Kronkron

39 Yesu kaa sɛ: Monyi ɔboɔ no! Deɛ wawuo no nua Marta see no sɛ: Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, na wadi nnanan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Yesu hyɛɛ wɔn se, “Munyi ɔbo a ehini ɔda no ano no.” Marta a ɔyɛ owufo no nuabea no kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ nnaanan ni a wosiee no nti saa bere yi de, ɔbɔn.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

39 Yesu kaa sɛ: Monyi ɔboɔ no! Deɛ wawuo no nua Marta see no sɛ: Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, na wadi nnanan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Yesu hyɛɛ wɔn sɛ, “Monyi ɛboɔ a ɛhini ɛda no ano no.” Marta a ɔyɛ owufoɔ no nuabaa no kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ nna ɛnan ni a yɛbɛsiee no enti saa ɛberɛ yi deɛ, ɛbɔn.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

39 Yesu kae sɛ: Munyi ɔbo no! Nea wawu no nua Marta see no sɛ: Awurade, sesɛɛ de, wabɔn, na wadi nnanan.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 11:39
11 Referencias Cruzadas  

Meyɛ mo nkyɛn hɔhoɔ ne mamfrani, momma me amusiebea wɔ mo nkyɛn, na mensie m’amu yi ma no mfiri m’ani so.


W’anim fifire mu na wobɛdidie de akɔsi sɛ wobɛsane akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ; na woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akorɔ.


Wɔboa Asamando sɛ nnwan; Owuo hwɛ wɔn so, na teneneefoɔ bɛtiatia wɔn so anɔpa, na wɔn deɛ, Asamando bɛsɛe wɔn ahoɔfɛ, na wɔannya tenabea bio.


Onua rentumi nnye onipa da, ɔremma Onyankopɔn ne mpatadeɛ,


sɛ ɔntena ase ara daa, na wanhunu Adamena.


Na wɔsesee wɔn ho sɛ: Hwan na ɔbɛmuni ɔboɔ no afiri ɛda no ano ama yɛn?


Ɛnna Yesu duruu hɔ no, ɔbɛhunuu sɛ wadi ɛda mu nnanan dada.


Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;


ɛfiri sɛ worennya me kra Asamando, na woremma wo Kronkronni no nhunu porɔeɛ.


Yɛyɛ owuo hwa a ɛde kɔ owuo mu ma ebinom, na yɛyɛ nkwa hwa a ɛde kɔ nkwa mu ma ebinom nso. Na hwan na ɔfata yeinom?


a ɔbɛsakyera yɛn ahobrɛaseɛ nipadua, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔde bɛtumi abrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’aseɛ no teɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios