Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 11:27 - Twerɛ Kronkron

27 Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, megye medi sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Marta buae se, “Awurade, migye midi. Migye di sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

27 Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, megye medi sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Marta buaa sɛ, “Awurade, megye medi. Megye medi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Osee no sɛ: Yiw, Awurade, migye midi sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 11:27
17 Referencias Cruzadas  

Na Simon Petro buaa sɛ: Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefoɔ no ba!


na yɛagye adi, na yɛahunu sɛ wone Nyankopɔn Kronkronni no.


Afei nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ: Ampa, odiyifoɔ a ɔreba wiase no nie!


Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Obiara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ ɔwofoɔ no, ɔdɔ deɛ ɔwoo no no nso.


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Na wɔnam kwan so rekorɔ no, wɔkɔduruu asuo bi ho, na opiani no kaa sɛ: Hwɛ, nsuo ni; ɛdeɛn na ɛsi me asubɔ ho kwan?


na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yɛgye die, na yɛn ara yɛate, na yɛahunu sɛ oyi ne wiase Agyenkwa no ampa.


Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no!


sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo, Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.


kɔbisaa no sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan?


Ɛnna ɔhyɛɛ asuafoɔ no ketee sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no.


[Na Filipo se: Sɛ wode w’akoma nyinaa gye di a, ɛwɔ ho kwan saa. Na ɔbuaa sɛ: Megye medi sɛ Yesu Kristo ne Nyankopɔn ba.]


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios