Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 10:7 - Twerɛ Kronkron

7 Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mene nnwan no pono no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio se, “Mereka nokware akyerɛ mo se mene nguannan no ano pon no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mene nnwan no pono no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mene nnwammuo no ano ɛpono no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mene nguan no pon no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 10:7
12 Referencias Cruzadas  

Monhunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan.


Na yɛn a yɛyɛ wo man ne w’adidibea nnwan no, yɛbɛda wo ase daa, yɛbɛka w’ayeyie akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.


Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn, na yɛn deɛ, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ ne ne nsam nnwan. Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ!


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so.


Na mone me nnwan, me yɛmmea nnwan, moyɛ nnipa, mene mo Nyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Sɛ nnwankuo kronkron, sɛ Yerusalem nnwankuo teɛ n’afahyɛ aseɛ no, saa na nnipa akuakuo bɛyeyɛ nkuro afoafo no ma ma, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, deɛ ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifoɔ ne odwotwafoɔ;


Mene ɛpono no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na ɔbɛfiri adi, na ɔbɛnya adidibea.


Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


ɛfiri sɛ ne so na yɛn baanu nyinaa nam honhom baako mu anya kwan kɔ Agya no nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios