Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 10:33 - Twerɛ Kronkron

33 Yudafoɔ no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na abususɛm ntira, ɛfiri sɛ wo a woyɛ onipa no yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Yudafo no buaa no se, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no nti na yɛpɛ sɛ yesiw wo abo, na mmom wʼabususɛm a wokae no nti. Woyɛ onipa desani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

33 Yudafoɔ no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na abususɛm ntira, ɛfiri sɛ wo a woyɛ onipa no yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Yudafoɔ no buaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no enti na yɛpɛ sɛ yɛsi wo aboɔ, na mmom, wʼabususɛm a wokaeɛ no enti. Woyɛ onipa dasani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Yudafo no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebesiw wo abo, na abususɛm nti, efisɛ wo a woyɛ onipa yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 10:33
11 Referencias Cruzadas  

Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufoɔ nnyina n’anim, na wɔnni adanseɛ ntia no sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfiri nkɔsi no aboɔ mma no nwu.


Me deɛ, maka sɛ: Moyɛ anyame, na mo nyinaa yɛ ɔsorosoroni no mma,


Fa deɛ wadome no firi adi kɔ nsraban no akyi, na wɔn a wɔteeɛ no nyinaa mfa wɔn nsa ngu n’atifi, na asafo no nyinaa nsi no aboɔ.


Na deɛ ɔka AWURADE din ho abususɛm no, kum na wɔnku no: Sie na asafo no nyinaa nsi no aboɔ; ɔhɔhoɔ oo, kuromani oo, sɛ ɔka edin no ho abususɛm a, wɔnku no.


Ɛnna Yudafoɔ bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, na wɔsee no sɛ: Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee?


Me ne Agya no yɛ baako.


Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a ɛfiri Agya no nkyɛn; emu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?


Yudafoɔ no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti ɛtwa sɛ ɔwuo, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba.


Na yei mmom nti afei Yudafoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔkum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom ɔfrɛ Onyankopɔn sɛ ɔno ara n’Agya de yɛ ne ho sɛ ɔno ne Onyankopɔn yɛ pɛ.


Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanimfoɔ tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye deɛ ɛfiri Onyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.


Ɔno na ɔwɔ Nyankopɔn tebea mu deɛ, nanso wannyina so ketee sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios