Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 1:18 - Twerɛ Kronkron

18 Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Obiara nhuu Onyankopɔn da, gye ne Ba koro no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, nea ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Obiara nhunuu Onyankopɔn da, gye ne Ba korɔ no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, deɛ ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 1:18
41 Referencias Cruzadas  

Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wɔnhu no no nsɛso ne abɔdeɛ nyinaa farebae,


Ɛnyɛ sɛ obi ahunu Agya no, gye deɛ ɔwɔ Nyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahunu Agya no.


M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim deɛ Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim deɛ Agya no yɛ, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu, na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.


deɛ ɔno nko wɔ daa nkwa a owuo nni mu, te hann a obi nnya ho kwan mu, deɛ nnipa mu biara nhunuu no da, na obiara ntumi nhunu no no, ɔno na anidie ne daa tumi wɔ no. Amen.


Yei mu na Nyankopɔn dɔ no yii ne ho adie wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa.


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunuu no?


na mayi wo din makyerɛ wɔn, na mɛyi makyerɛ. Na ɔdɔ a wode dɔ me no atena wɔn mu, na matena wɔn mu.


Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn firi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so.


Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dadadada yi, monhunuu me anaa, Filipo? Deɛ wahu me no ahunu Agya no, na adɛn nti na wose: Kyerɛ yɛn Agya no?


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Na AWURADE firi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo; sɛdeɛ nsɛm no teɛ no, mo ara motee, na ne tebea bi na moanhunu anka ɛnne no ho.


Ano ne ano na me ne no de kasa ehunu mu, na ɛnyɛ mmebuo mu, na ɔhunu AWURADE suban. Na adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?


Yesaia kaa yeinom, ɛfiri sɛ ɔhunuu n’animuonyam, na ne ho asɛm na ɔkaeɛ.


Nanso mmerɛ santen hene, Onyankopɔn koro a ɔtease daa a wɔnhu no no, anidie ne animuonyam nka no, mmerɛ santen mfesanten. Amen!


Hwɛ yie wɔ n’anim, na tie ne nne; nnwene ntia no, na ɔremfa mo mmarato nkyɛ mo, ɛfiri sɛ me din wɔ ne mu.


Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasaeɛ no din sɛ: Wone El-roi, na ɔse: Mahunu deɛ ɔhu me no ampa anaa?


Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentensoɔ kura nkrantɛ a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Wowɔ yɛn afa anaa yɛn atamfoɔ afa?


Wɔka kyerɛ wɔn nanom sɛ: Ɛhe na aburoo ne nsa wɔ? Na wɔtotɔ piti sɛ atɔfoɔ, kuro no mmorɔno so, na wɔgyaagyaa mu wɔ wɔn nanom kokom.


Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ, ɔbɛturu nnwammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.


na mewɔ ne nkyɛn sɛ ne dwumfoɔ panin, na meyɛ n’adɔdeɛ daa daa. Na m’ani gye n’anim berɛ nyinaa mu,


Na AWURADE ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔkɔe, na Abraham sane baa ne fie.


Na asuafoɔ no mu baako a Yesu dɔ no no twere Yesu koko mu;


Na wɔhunuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ adeɛ a wɔde hoaboɔ a emu teɛ ayɛ, na ne nahanaha te sɛ ɔsoro pa ara.


Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ; nanso monnye yɛn adanseɛ no.


wɔn mu na wiase nyame afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn suban no animuonyam asɛmpa no hann anhyerɛn amma wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios