Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yoel 2:8 - Twerɛ Kronkron

8 nanso obi nsum ne yɔnko, wɔn nyinaa nenam wɔn atempɔn so, na sɛ wɔhwehwe akodeɛ ntam a, wɔmpira;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wontwintwan wɔn ho wɔn ho anan mu; obiara nantew kɔ nʼanim tee. Wobu fa abandennen so, na wɔpem kɔ wɔn anim ara.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 nanso obi nsum ne yɔnko, wɔn nyinaa nenam wɔn atempɔn so, na sɛ wɔhwehwe akodeɛ ntam a, wɔmpira;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Obiara ntwintwane ɔfoforɔ anan mu; obiara nante kɔ nʼanim tee. Wɔbu fa banbɔeɛ so, na wɔpem kɔ wɔn anim ara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 nanso obi nsum ne yɔnko, wɔn nyinaa nenam wɔn atempɔn so, na sɛ wɔhwehwe akode ntam a, wompira;

Ver Capítulo Copiar




Yoel 2:8
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔde ɔman no nyinaa gyinagyinaa hɔ, na wɔn akodeɛ kurakura wɔn nsam, ɛfiri ɛdan no nifa ntweaso kɔsi ɛdan no benkum ntweaso, afɔrebukyia no ne ɛdan no ho twaa ɔhene no ho hyiae.


Na ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔtoo ɔfasuo a abubuo no nyinaa, na ɔmaa no korɔn kɔsii aban atentene no ho, na ɔtoo ɔfasuo foforɔ, kuro no akyi, na ɔhyɛɛ Milo a ɛwɔ Dawid kuro mu no den, na ɔyeyɛɛ akodeɛ ne akyɛm bebree.


Wɔn a wɔtotoo ɔfasuo no ne wɔn a wɔsoso nnesoa ne wɔn a wɔsoasoaa wɔn no, wɔde nsa baako reyɛ adwuma, na wɔde baako kura akodeɛ mu.


Na me ne me nuanom ne m’asomfoɔ ne awɛmfoɔ a wɔdi m’akyire no, yɛanyiyi yɛn ntadeɛ, obiara kura n’akodeɛ wɔ ne nsa nifa mu.


na watwe ne kra afiri Amena mu, ne ne nkwa nso na antɔ afena ano.


Na sɛ wɔantie a, wɔtɔ dadeɛ ano, na wɔgyaa mu nimdeɛ a abɔ wɔn no mu.


Ntutummɛ nni hene, nanso wɔn nyinaa firi nam akuakuo.


Wo mman yɛ atoaa aba ne nnuaba a ɛwɔ boɔ turo, ahuahaa ne nnuannua ahodoɔ,


Deɛ ɔbrɛ ne deɛ ɔsunti nni mu, wɔrentɔ nko na wɔn ani renkum, wɔn asene mu abɔsoɔ rensane, na wɔn mpaboa homa rente.


Wɔtu mmirika sɛ nnɔmmarima, wɔforo ɔfasuo sɛ akofoɔ; wɔnenam wɔn akwan so, na wɔnte wɔn santen mu;


wɔyɛ kuro mu manyamanya, wɔtutu ɔfasuo so mmirika, wɔforo ba afie mu, wɔfa mpomma mu ba sɛ owifoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios