Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 6:2 - Twerɛ Kronkron

2 Serafim gyinagyina ne nkyɛn. Wɔn mu biara wɔ ntaban nsia. Wɔn mu biara de ntaban mmienu kata wɔn anim. Na wɔde mmienu kata wɔn nan ho, na wɔde mmienu nso tu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na Serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban asia wɔ nʼatifi. Wɔde ntaban no abien kata wɔn anim, na wɔde abien nso kata wɔn nan ho na wɔde abien nso tu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Serafim gyinagyina ne nkyɛn. Wɔn mu biara wɔ ntaban nsia. Wɔn mu biara de ntaban mmienu kata wɔn anim. Na wɔde mmienu kata wɔn nan ho, na wɔde mmienu nso tu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban nsia wɔ nʼAtifi. Wɔde ntaban no mmienu kata wɔn anim, na wɔde mmienu nso kata wɔn nan ho ɛnna wɔde mmienu nso tu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Serafim gyinagyina no ho. Wɔn mu biara wɔ ntaban asia. Wɔn mu biara de abien kata wɔn anim, na wɔde abien kata wɔn nan ho, na wɔde abien nso tu.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 6:2
34 Referencias Cruzadas  

Na Abram daa hɔ de n’anim butuu fam; na Onyankopɔn ne no kasaa sɛ:


Na ɛbaa sɛ Elia teeɛ no, ɔde ne ngusoɔ kataa n’anim, na ɔfiri kɔgyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


Ɛnna ɔkaa sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahunu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.


Na kerub no ntaban baako yɛ basafa mmienu ne fa, na kerub no ntaban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa, ɛfiri ne ntaban baako ano kɔsi ne ntaban baako ano yɛ basafa nnum.


Na ɔde kerubim no sisii akyire dan no mu, na kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu. Ɔbaako ntaban ka ɔfasuo, na ɔbaako ntaban ka ɔfasuo baako no nso, na wɔn ntaban no hyia ɛdan no mfimfini, ntaban pem ntaban anim.


Na kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kataa adaka no ne ɛho nnua no so.


Na Esra kaa sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne deɛ ɛwɔ soɔ nyinaa, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Na wo na wohwɛ wɔn nyinaa so, na ɔsoro asafo no, wo na wɔsɔre woɔ.


Na ɛbaa sɛ da bi Ɔsoro dɔm no ba bɛgyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae.


Hwɛ, n’akronkronfoɔ so mpo ɔmfa ne ho nto, na ɔsoro ho nso nte n’ani so:


Hwɛ, ne nkoa mpo, ɔmfa ne ho nto wɔn so, na n’abɔfoɔ no, ɔbu wɔn sɛ wɔtɔ mu;


AWURADE abɔfoɔ, monhyira no, mo ahoɔden mu akatakyie a modi n’asɛm soɔ na motie ne kasa no.


Ɔde mframa yɛ n’abɔfoɔ, ɔde ogya a ɛderɛ yɛ n’asomfo.


Na ɔtenaa Kerub so na ɔtui, na ɔde mframa ntaban tu bae afrɛ so.


Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, akronkronfoɔ dwabɔ kɛseɛ no mu, na wɔsuro no sene wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.


Na kerubim no ntrɛtrɛ wɔn ntaban mu ɔsoro mfa wɔn ntaban no nkata mpata adwa no so, na wɔn ani nkyerɛkyerɛ wɔn ho; mpata adwa no so na kerubim no ani nkyerɛkyerɛ.


Na ɔkaa sɛ: Mene w’agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n’anim, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn.


Na kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu ɔsoro de wɔn ntaban no kataa mpata adwa no so, na wɔn ani kyerɛkyerɛ wɔn ho; na wɔn anim kyerɛkyerɛ mpata adwa no so.


Ɛnna Serafim no mu baako tu baa me nkyɛn, na ɔkura nsramma a ɔde daban kɔfaa no afɔrebukyia no soɔ;


Sɛ wɔn anim teɛ nie. Wɔn ntaban mu apae firi soro ba fam; wɔn ntaban mmienu mmienu sisi anim, na mmienu mmienu katakata wɔn nipadua ho.


Na wɔnante a, na mete wɔn ntaban no gyegyeɛ sɛ asuo bebree gyegyeɛ, sɛ Otumfoɔ nne, huuyɛ gyegyeegye a ɛte sɛ ɛdɔm nne; sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.


Na mehwɛe, na hwɛ, ahum bi tu firi atifi fam bae, mununkum kɛseɛ ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia. Na biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani firi ogya no mfimfini baeɛ.


wɔwowɔ anim nnan nnan, na wɔn mu biara wɔ ntaban nnan nnan.


Wɔn ntaban no toatoa mu; wɔnnanedane wɔn ho wɔn nanteɛ mu; wɔn nyinaa kɔ anim tee.


Na Kerubim no nante a, nkyimiiɛ no siane wɔn; na Kerubim no mema wɔn ntaban so sɛ wɔde rema wɔn ho so afiri asase so a, nkyimiiɛ no nso nnane mfiri wɔn nkyɛmu.


Obiara wɔ anim nnan nnan, na obiara wɔ ntaban nnan nnan, na onipa nsa nsɛsoɔ wowɔ wɔn ntaban no ase.


Na ɔbɔfoɔ no buaa see wɔn a wɔgyinagyina n’anim no sɛ: Monyi ne ho ntade fi no. Na ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mama w’amumuyɛ no afiri wo so kɔ, na mede ntadeɛ nsakyeraho mahyɛ wo.


Na ɔrehye ohwam no, na nnipakuo no nyinaa gyina adihɔ rebɔ mpaeɛ.


Na abɔfoɔ no ho deɛ, ɔse: Ɔyɛ n’abɔfoɔ mframa ne n’asomfoɔ, ogyaframa,


Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtu nam soro mfimfini a ɔkura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase soɔ, ne aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa,


Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.


Na abɔfoɔ no nyinaa atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuu fam, ahennwa no anim, na wɔkotoo Onyankopɔn


Na mehunui, na metee sɛ ɔkɔdeɛ baako a ɔtu faa soro mfimfini no de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔn a wɔte asase soɔ no nnue, wɔnnue, wɔnnue, totorobɛnto a aka a abɔfoɔ baasa no rebɛhyɛne no nne no nti!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios