Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 6:10 - Twerɛ Kronkron

10 Ma ɔman yi akoma mpirim, na wɔn aso mu nyɛ duru, na ka wɔn ani femfam so, na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn akoma anhunu mu, na wɔansakyera, na wɔansa wɔn yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Efisɛ mo, moapirim mo koma; moasisiw mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a, anka mo ani behu ade, na mo koma ate asɛm ase, na moanu mo ho asan aba me nkyɛn, na masa mo yare.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Ma ɔman yi akoma mpirim, na wɔn aso mu nyɛ duru, na ka wɔn ani femfam so, na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn akoma anhunu mu, na wɔansakyera, na wɔansa wɔn yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma; moasi mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a, anka mo ani bɛhunu adeɛ, na mo akoma ate asɛm ase, na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Ma ɔman yi koma mpirim, na wɔn aso nyɛ den, na ka wɔn ani fomfam, na wɔamfa wɔn aniwa anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn koma anhu mu, na wɔansakra, na wɔansa wɔn yare,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 6:10
34 Referencias Cruzadas  

Wɔn akoma apirim sɛ sradeɛ, me deɛ, wo mmara ho na me ho sɛpɛ me.


Wɔapirim wɔn akoma a wɔnni mmɔborɔhunu biara, wɔde wɔn ano kasa ahantan kasa.


Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu, na wɔanhunu adeɛ, na ma wɔn sisi mpopo daa,


Na AWURADE pirim Farao akoma, na wampɛ sɛ ɔma wɔkɔ.


Na Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi nyinaa wɔ Farao anim, na AWURADE pirim Farao akoma, na wamma Israelfoɔ no amfiri n’asase so ankɔ.


Na me deɛ, hwɛ, mɛpirim Misraimfoɔ akoma, na wɔabɛdi wɔn akyi, na mɛhyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so,


Na me deɛ, mɛpirim Farao akoma, na mama me nsɛnkyerɛnneɛ ne m’anwanwadeɛ adɔɔso Misraim asase so.


ɔmua n’ani dwene akontonkyisɛm ho, ɔwe n’ano wie bɔneyɛ.


okum wɔ ne berɛ, na ayaresa wɔ ne berɛ; bubuo wɔ ne berɛ, na osie wɔ ne berɛ;


Na AWURADE bɛbobɔ Misraim, ɔbɛbobɔ wɔn, na wasa wɔn yadeɛ; na wɔbɛsane aba AWURADE nkyɛn, na watie wɔn asa wɔn yadeɛ.


Enti AWURADE asɛm bɛdane wɔn mmara atia mmara, mmara atia mmara, ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ, ɛha kakra, ɛhɔ kakra, na wɔahwe ase, na wɔabubu wɔn, na wɔatotɔ fidie mu, na wɔakyekye wɔn.


AWURADE de nnahɔɔ honhom agu mo so, na wamuamua mo ani a ɛne adiyifoɔ no, na mo tiri a ɛne adehunufoɔ no, wakata so.


hwɛ, mɛkɔ so ara na me ne ɔman yi adi no anwanwasɛm mu. Mɛma no ayɛ nwanwa ne ahodwiri, na wɔn anyansafoɔ nyansa ayera, na wɔn nhunumufoɔ nhunumu so akata.


Mo ani so nyɛ mo yaa na mo ho nnwiri mo, monkeka mo ani mfemfam so na mo ani mfira. Mommoboro, nanso mommfa nsa; montotɔ ntintan, nanso mommfa nsaden!


Wɔnnim na wɔnni nhunumu, na wasram wɔn ani so, na wɔanhunu adeɛ, ne wɔn adwene nso, na wɔante aseɛ;


O AWURADE, adɛn nti na woma yɛfiri wo kwan so kɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, na wopirim yɛn akoma na yɛansuro woɔ? Sane bra, wo nkoa nti, w’agyapadeɛ mmusuakuo no nti.


Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nnaadaa sene adeɛ nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara, hwan na ɔbɛnya mu ahunuyɛ?


Montie yei ɛ, ɔman nkwaseafoɔ a wɔnni tire, wɔwɔ ani, nso wonhunu adeɛ, wɔwɔ aso, nso wɔnte asɛm.


Hwan na menkasa menkyerɛ no, na memmɔ no kɔkɔ, na wɔate? Hwɛ, wɔn aso asisi, na wɔntumi ntie asɛm; hwɛ, AWURADE asɛm adane wɔn ahohoradeɛ, ɛnyɛ wɔn dɛ.


Ma nkatasoɔ nkata wɔn akoma so, na wo nnome mmra wɔn so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sane fa odwanhwɛfoɔ kwasea adeɛ fa!


Nanso wɔampene sɛ wɔtie, na wɔwosoo wɔn mmati, na wɔsoroo wɔn aso na wɔante.


Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔn aso mu ayɛ duru, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho, na mansa wɔn yadeɛ.


Wafira wɔn ani, na wapirim wɔn akoma, na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho na mansa wɔn yadeɛ.


Na ɔman yi akoma apirim, na wɔmfa wɔn aso nte asɛm yie, na wɔamuamua wɔn ani; na wɔamfa wɔn ani anhunu adeɛ, na wɔamfa wɔn aso ante asɛm, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane amma me nkyɛn na mansa wɔn yadeɛ.


Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,


Yɛyɛ owuo hwa a ɛde kɔ owuo mu ma ebinom, na yɛyɛ nkwa hwa a ɛde kɔ nkwa mu ma ebinom nso. Na hwan na ɔfata yeinom?


Na Hesbonhene Sihon amma yɛamfa ne nkyɛn antwam, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn maa no asoɔden honhom na ɔpirim n’akoma, na ɔde no ahyɛ wo nsa sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi.


nsɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ akɛseɛ no.


Nanso ɛde bɛsi nnɛ AWURADE mmaa mo saa akoma a ɛnim adeɛ, ani a ɛhunu adeɛ ne aso a ɛte asɛm.


Na mede wɔn duru asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no so a, wɔbɛdidi amee na wɔayɛ akɛseɛ, na wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam.


Na Yesurum dɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie; woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios