Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 59:2 - Twerɛ Kronkron

2 na mmom mo amumuyɛ ne deɛ ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam ateteɛ, na mo bɔne na akata n’ani afiri mo ho a enti ɔntie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nanso mo amumɔyɛ na atetew mo ne mo Nyankopɔn ntam; mo bɔne ama nʼanim ahintaw mo, a enti ɔrente.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 na mmom mo amumuyɛ ne deɛ ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam ateteɛ, na mo bɔne na akata n’ani afiri mo ho a enti ɔntie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nanso, mo amumuyɛ na atete mo ne mo Onyankopɔn ntam; mo bɔne ama nʼanim ahinta mo, a enti ɔrente.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 na mmom mo amumɔyɛ ne nea ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam pan, na mo bɔne na akata n’ani afi mo ho a enti ontie.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 59:2
14 Referencias Cruzadas  

AWURADE ne abɔnefoɔ ntam ware, na ateneneefoɔ mpaebɔ deɛ, ɔtie.


Na sɛ motrɛ mo nsam a, mɛyi m’ani mahunta mo; nso sɛ momma mpaebɔ dɔɔso a, me deɛ, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma a mede megyaee no no wɔ? Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔagyae mo na.


N’anibereɛ a ɛyɛ amumuyɛ nti na me bo fuiɛ na mehwee no, mehuntae, na me bo fui; nanso ɔkɔɔ so sanee n’akyi faa n’akoma kwan so.


Hwɛ, ɔham ne ntɔkwa mu na mode di mmuada, na mobɔ kuturuku atirimuɔden so. Ɛnyɛ mo nnɛ yi mmuada yi na ɛbɛma wɔate mo nne wɔ soro.


Mo amumuyɛ na ama yeinom adane, na mo bɔne na ama adepa abɔ mo.


Bɔne kɛseɛ na Yerusalem ayɛ, ɛno nti na wadane akyiwadeɛ. Wɔn a anka wɔdi no ni nyinaa bu no animtiaa, ɛfiri sɛ wɔahunu n’adagya; ɔno nso gu ahome, na wadane n’ani.


Na merenyi m’ani nhunta wɔn bio, ɛfiri sɛ mahwie me honhom agu Israel fie so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Ɛno na wɔbɛsu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim bɛhunta wɔn berɛ no mu, sɛdeɛ wɔmaa wɔn nneyɛɛ yɛɛ bɔne no.


Israel ayɛ bɔne, wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyiradeɛ no bi nso, na wɔabɔ korɔno nso, na wɔasi so nso, na wɔde asie wɔn adeɛ mu nso.


Na ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanin kaa sɛ: Adɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkoguo nnɛ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios