Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 5:9 - Twerɛ Kronkron

9 Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ: Ampa ara, adan pii bɛdane fituo, adan a ɛsoso na ɛyɛ fɛ rennya obi ntena mu;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Asafo Awurade apae mu aka ama mate: “Nokwarem, afi akɛse no bɛda mpan, na aban afɛɛfɛ no, obiara rentena mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ: Ampa ara, adan pii bɛdane fituo, adan a ɛsoso na ɛyɛ fɛ rennya obi ntena mu;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Asafo Awurade apae mu aka ama mate: “Nokorɛm afie akɛseɛ no bɛda mpan, na mmorɔsan fɛfɛ no, obiara rentena mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ: Ampa ara, adan pii bɛdan amamfo, adan a ɛsosoe na eye rennya obi ntena mu

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 5:9
14 Referencias Cruzadas  

sɛ wɔmma AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kaeɛ no mmra mu, sɛ ɛnkɔsi sɛ asase no ani bɛsɔ ne home mfeɛ no; amamfo nna nyinaa na ɛrehome akɔsi sɛ mfirinhyia aduɔson bɛwie duro.


na wakɔtena nkuro a aguo so, afie a obi nte mu na wɔahyɛ sɛ ɛnyɛ afituo mu:


Wannidi annya bi da, enti n’ahonyadeɛ rentena hɔ.


Amim mu mfasopɛfoɔ sɛe ne fie, na deɛ ɔkyiri akyɛdeɛ bɛtena ase.


Na asafo AWURADE ayi me asotire sɛ: Wɔremfa amumuyɛ yi nkyɛ mo kɔsi berɛ a mobɛwuwuo! Asafo AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.


Na kuro a ɛyɛ den no ada mpan ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagya no sɛ ɛserɛ soɔ; ɛhɔ na anantwie mma didie, na ɛhɔ na wɔbutubutu wie ne mman no weɛ.


mɛma no atɔ mpan, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔ mu, na afu nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osuo sɛ ɛnntɔ nngu so.


Ampa ara, AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa.


Enti ɛnam sɛ motiatia mmɔborɔni soɔ na mogye ne hɔ ayuo nti, mode aboɔ a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa.


Na hwɛ, AWURADE ahyɛ, na wɔbɛbɔ efi kɛseɛ no pasapasa ne efi ketewa no nso dukuduku.


Na ɔhene no teeɛ no, ne bo fuiɛ, na ɔsomaa ne dɔm maa wɔkɔkunkumm awudifoɔ no, na wɔhyee wɔn kuro.


Hwɛ, wɔbɛgya mo fie fituo ama mo.


Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios