Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 5:4 - Twerɛ Kronkron

4 Ɛdeɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio a menyɛeɛ? Ɛdeɛn nti na metwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba, na aso abuntwerɛ yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Dɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobeturo boro nea mayɛ yi so? Bere a merehwɛ anim sɛ minya bobe a eye no adɛn nti na ɛsow aba bɔne?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛdeɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio a menyɛeɛ? Ɛdeɛn nti na metwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba, na aso abuntwerɛ yi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛdeɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobe turo boro deɛ mayɛ yi so? Ɛberɛ a merehwɛ anim sɛ menya bobe a ɛyɛ no adɛn enti na ɛsoo aba bɔne?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Dɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio a menyɛe? Ɛdɛn nti na metwɛnee sɛ ɛbɛsow obobe aba, na asow abuntwɛre yi?

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 5:4
15 Referencias Cruzadas  

Ne kukuduuduu ne ne nsa no tua ho ara, ne nyinaa yɛ sika amapa a wɔaborɔ bafua.


Adɛn nti na wɔmmɔ mo ara, sɛ morekɔ so ara te atua yi? Etire mu no nyinaa yare, na akoma mu no nyinaa ahodwo.


Na me deɛ, metɛɛ wo sɛ bobe pa, wofiri deɛ ɛyɛ nko ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na woadane me amannɔne bobe nhoma yi?


Sɛ AWURADE seɛ nie: Bɔne bɛn na mo agyanom hunuu no me ho a enti wɔfirii me ho kɔɔ akyirikyiri na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi na wɔadanedane hunu yi?


Kɛntɛn baako mu wɔ mmorɔdɔma pa ara a ɛte sɛ mmorɔdɔma a abere kane, na kɛntɛn baako no mu wɔ mmorɔdɔma a ɛnyɛ koraa a yɛ a ɛnyɛ no nti wɔntumi nnie.


Ɛfiri da a mo agyanom firii Misraim asase so de bɛsi nnɛ da yi, masoma me nkoa, adiyifoɔ no nyinaa, aba mo nkyɛn; daa na metuaa nhema mesomaa wɔn,


nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔsenee wɔn kɔn yɛɛ bɔne sene wɔn agyanom.


Wo fi mu wɔ abusudeɛ; sɛ matwi wo ho na amfire nti, wo ho rente mfiri wo fi no mu bio, de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma m’abufuhyeɛ ano adwo wo soɔ.


Israel yɛ obobe pa a ɛso n’aba nsɔ; dodoɔ ara a n’aba dɔɔso no, dodoɔ a wama afɔrebukyia nso adɔɔso. N’asase yie a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiyɛ nso.


Ao! Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ! Mprɛ ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios