Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 5:16 - Twerɛ Kronkron

16 na asafo AWURADE, deɛ wɔma no so wɔ atɛntenenee mu, na Kronkron Nyankopɔn ate ne ho, tenenee mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 nanso Asafo Awurade atɛntrenee bɛma no so, na Ɔkronkron Nyankopɔn de ne trenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 na asafo AWURADE, deɛ wɔma no so wɔ atɛntenenee mu, na Kronkron Nyankopɔn ate ne ho, tenenee mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 nanso Asafo Awurade atɛntenenee bɛpagya no, na Kronkron Onyankopɔn de ne tenenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 na asafo AWURADE bɛma ne ho so, atemmu mu, na Onyankopɔn kronkron atew ne ho, trenee mu.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 5:16
34 Referencias Cruzadas  

Wo AWURADE na kɛseyɛ, mmaninyɛ, animuonyam, nkonimdie ne aseda wɔ woɔ, na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asase soɔ nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahennie wɔ woɔ, na wo na wokorɔn wɔ adeɛ nyinaa soɔ.


AWURADE, ma wo ho so w’ahoɔden mu, yɛde adwontoɔ ne sankuo bɛkamfo wo mmaninneɛ.


Monyɛ komm na monhunu sɛ mene Onyankopɔn. Wɔmma me so amanaman mu, wɔmma me so asase so.


AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn, ɔde ɔbɔnefoɔ nsam nneyɛɛ atoatoa no.


Na da no mobɛka sɛ: Monna AWURADE ase; mommɔ ne din. Momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so!


Nnipa ahantan ani bɛbrɛ ase, na mmarima ahomasoɔ ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na mmarima ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Enti wɔbrɛ onipa ase, na wɔde mmarima hwe fam: Mfa nkyɛ wɔn.


Na mede atemmuo bɛyɛ susuhoma, na mede tenenee mayɛ nsania, na asukɔtweaa ahum bɛhwim atorɔ dwanekɔbea no, na huntabea no nso, nsuo bɛsram so;


Na sɛ ɔhunu ne mma, a wɔyɛ me nsa ano adwuma wɔ wɔn mfimfini a, wɔbɛdwira me din ho. Wɔbɛyɛ Yakob Kronkronni no kronkron, na wɔde suro agyina Israel Nyankopɔn no anim.


Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho soɔ, ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmuo Nyankopɔn ne AWURADE, nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.


AWURADE se: Afei mɛsɔre, afei mɛma me ho so, afei wɔbɛma me so.


Wɔama AWURADE so, na ɔte soro tɔnn; ɔde atemmuo ne tenenee bɛhyɛ Sion ma.


Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


Na oyi team kyerɛ oyi sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE! N’animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma.


Na me, AWURADE, medɔ atemmuo, mekyiri atirimuɔden ne adwotwa, na mɛtua wɔn ka nokorɛ mu, na me ne wɔn apam daa apam.


Asafo AWURADE no, ɔno na monyɛ no kronkron, na ɔno na ɔnyɛ mo suro ne mo akomatuo.


Mobɛsɔ m’ani sɛ ehwa hwamhwam, ɛberɛ a mɛyi mo afiri aman mu no, na maboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no, mo mu na mɛma wɔayɛ me kronkron, amanaman no anim.


na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, O Sidon, na mɛnya wo mu animuonyam, na sɛ meyɛ ne mu atemmudeɛ na meyi ne mu kronkronyɛ adi a, wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ menya boa Israel fie ano firi aman a wɔapete wɔn mu no mu a, mɛyi me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu amanaman no ani so, na wɔbɛtena wɔn asase a mede maa m’akoa Yakob no so.


Na mɛyɛ me din kɛseɛ a wɔagu ho fi, amanaman a moagu ho fi wɔ wɔn mu no kronkron, na amanaman ahunu sɛ mene AWURADE, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, sɛ mereyi me kronkronyɛ adi, mo mu, wɔn ani so.


na wobɛtu aba me man Israel so sɛ mununkum abɛkata asase no so. Nna a ɛdi akyire no, mede wo bɛba m’asase so, na amanaman ahu me, berɛ a meyi me kronkronyɛ adi wɔ wo ho, wɔn anim, O Gog!


na mɛyɛ me ho kɛse na mayɛ me ho kronkron, na mama wɔahu me, amanaman bebree anim, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ɛno ne deɛ AWURADE kaa sɛ: Wɔn a wɔtwe pini me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho animuonyam.


Yei ne Meriba asuo, ɛfiri sɛ Israelfoɔ ne AWURADE hamee na ɔyɛɛ ne ho kronkron wɔn mu.


Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.


na wɔatwerɛ sɛ: Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me, meyɛ kronkron.


Na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ si nnipa a wɔnni adwene no nkwaseasɛm ano,


Na mommu Awurade Kristo kronkron wɔ mo akoma mu. Nso monsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a ɔbisa mo anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no aseɛ,


Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no, deɛ ɔkura Dawid safoa, na ɔhini na obi nto mu, na ɔto mu, na obi nhini no, seɛ:


Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios