Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 48:10 - Twerɛ Kronkron

10 Hwɛ, manane wo, nso ɛnte sɛ dwetɛ; masɔ wo mahwɛ wɔ amaneɛ fononoo mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Hwɛ mahoa mo ho, ɛnyɛ sɛnea wɔnan dwetɛ ho; mmom, masɔ wo ahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Hwɛ, manane wo, nso ɛnte sɛ dwetɛ; masɔ wo mahwɛ wɔ amaneɛ fononoo mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Hwɛ, mahoa mo ho, nanso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔhoa dwetɛ ho; mmom, masɔ wo mahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Hwɛ, manan wo, nso ɛnyɛ sɛ dwetɛ, masɔ wo ahwɛ, amane fononoo ahorow mu.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 48:10
18 Referencias Cruzadas  

Ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a woyii wɔn Misraim firii dadeɛ fononoo mu de wɔn baeɛ no,


Na ɔnim kwan a mefa soɔ. Ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu sɛ sika mapa a wɔde afa ogya mu.


Aane dwetɛ wɔ ne nkommena, na afa wɔ hɔ ma sika a wɔhorɔ.


Na wo, Onyankopɔn, na woakari yɛn ahwɛ, woanane yɛn ahwɛ sɛ wɔnane dwetɛ hwɛ mu.


Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na deɛ ɔsɔ akoma hwɛ ne AWURADE.


Enti, yei na wɔde bɛkata Yakob amumuyɛ soɔ, na yi a wɔreyi ne bɔne akorɔ no so aba nyinaa nie: Sɛ ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa ayɛ sɛ akaadoo ntoantoa a afurofuro, na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.


a mehyɛɛ mo agyanom, da a meyii wɔn firii Misraim asase so, firii dadeɛ fononoo no mu sɛ: Montie me, na monyɛ nnoɔma a mahyɛ mo no nyinaa, na moayɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn,


Enti sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛnane wɔn na masɔ wɔn mahwɛ, na menyɛ dɛn, me man babaa no ho?


Na mɛyiyi mo mu atuatefoɔ ne wɔn a wɔto me mmara no, wɔn ahɔhobea asase no so na mɛyi wɔn, nanso wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Na mo deɛ, AWURADE na wayi mo afiri dadeɛ fononoo mu, afiri Misraim sɛ mommɛyɛ n’agyapadeɛ sɛdeɛ moteɛ nnɛ da yi.


na wɔahunu mo gyidie tɔtorɔtɔɔ sɛ ne boɔ yɛ den pii sene sika, a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛeɛ, ama ayeyie ne anidie ne animuonyam, Yesu Kristo ahoyie mu.


Adɔfo, mommma amanehunu gya a asɔ wɔ mo mu sɛ wɔde resɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo sɛ ade foforɔ, te sɛ ade foforɔ bi na ɛreyɛ mo;


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios