Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 47:4 - Twerɛ Kronkron

4 Yɛn Gyefoɔ no, asafo AWURADE ne ne din, ne Israel Kronkronni no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Yɛn Gyefo, Asafo Awurade ne ne din, ɔno ne Israel Kronkronni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Yɛn Gyefoɔ no, asafo AWURADE ne ne din, ne Israel Kronkronni no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yɛn Gyefoɔ, Asafo Awurade ne ne din, ɔno ne Israel Kronkronni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Yɛn dimafo no, asafo AWURADE ne ne din, Israel kronkronni ne no.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 47:4
12 Referencias Cruzadas  

Ma m’anomu nsɛm nyɛ wo fɛ, na m’akomam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, O AWURADE, me botan ne me gyefoɔ.


Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkaeɛ, na wo Gyefoɔ ne Israel Kronkronni no.


Sɛ AWURADE, mo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie: Mo nti mɛsoma akɔ Babel, na mabubu adaban nyinaa, na mama Kaldeafoɔ ahurisidie adane adwotwa.


Me, AWURADE, mene mo Kronkronni, Israel bɔfoɔ, mo hene no.


Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo gyefoɔ no. Mede Misraim ayɛ agyedeɛ ama wo, mede Etiopia ne Saba asi wo ananmu.


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.


Na mɛma w’ahafoɔ adi wɔn ara wɔn nam, na wɔn mogya abo wɔn sɛ nsamono, na honam nyinaa ahunu sɛ me AWURADE, mene wo Gyefoɔ, ne wo dimafoɔ ne Yakob tumfoɔ no.


Na mene AWURADE, wo Nyankopɔn, a ɔhwanyan ɛpo ma n’asorɔkyeɛ yɛ huu no, asafo AWURADE ne ne din.


Na wo Yɛfoɔ ne wo kunu, asafo AWURADE ne ne din, na wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no, wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn.


Na AWURADE agye Yakob, na wayi no afiri deɛ ɔyɛ den sene no nsam.


Na hwɛ, deɛ ɔnwonoo mmepɔ na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa deɛ ɛwɔ n’adwene mu no, deɛ ɔyɛ adekyehema esum, na ɔtiatia asase sorɔnsorɔmmea soɔ no, AWURADE, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios