Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 44:10 - Twerɛ Kronkron

10 Hwan na ɔnwonoo onyame bi na ɔguu ohoni bi a ɛho nni mfasoɔ?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Hena na ɔbɔ onyame na ogu ohoni, a ne so mma no mfaso biara?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Hwan na ɔnwonoo onyame bi na ɔguu ohoni bi a ɛho nni mfasoɔ?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Hwan na ɔsene onyame na ɔgu ohoni, a ne ho mma no mfasoɔ biara?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Hena na ɔnwenee onyame bi na oguu ohoni bi a ɛho nni mfaso?

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 44:10
12 Referencias Cruzadas  

Wɔn ahoni te sɛ ɛferɛ afuo mu kaakaamotobi, na wɔnkasa, soa na wɔsoa wɔn, ɛfiri sɛ wɔntumi nnante; monnsuro wɔn, na wɔntumi nyɛ bɔne biara, na papayɛ nso nni wɔn hɔ.


Sɛ odwumfoɔ sene ohoni a, ɛho mfasoɔ ne deɛn? Ɛyɛ guo honi, kyerɛkyerɛni torofoɔ; ɛfiri sɛ odwumfoɔ yɛ ahoni mum a, ɔde ne ho to ɔno ara n’adwinnie a ɔdie no so.


Na mohunu, na mote aseɛ sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛrekame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfoɔ bebree aso, adane wɔn ani, ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.


Na abosom afɔrebɔdeɛ die ho deɛ, yɛn deɛ yɛnim sɛ, ɔbosom nyɛ hwee wɔ wiase, ɛfiri sɛ, onyame biara nni hɔ sɛ ɔbaako no ara.


Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ ɔkwa, wɔn nneyɛɛ nyɛ hwee; wɔn guo ahoni yɛ mframa ne ahuhudeɛ.


Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwie mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ wo anyame a ɔde wo firi Misraim baeɛ nie.


Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma.


Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔguo, na sikadwumfoɔ de sika adura ho, na ɔde dwetɛ ntweaban gugu ho;


O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban denden, me dwanekɔbea ahohiahia da mu, wo nkyɛn na amanaman bɛfiri asase anoano aba abɛka sɛ: Atorɔ nko ne yɛn agyanom awunnyadeɛ no, ahuhudeɛ a mfasoɔ nni mu.


Monhyia mmra, mommom mpinkyɛ, mo a moafiri mu afire wɔ amanaman mu. Wɔnnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔkɔ so ara bɔ onyame a ɔntumi nnye nkwa mpaeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios