Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 39:6 - Twerɛ Kronkron

6 Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa deɛ ɛwɔ wo fie nyinaa ne deɛ w’agyanom akora de abɛduru nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ɔseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nokware, bere bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfi ne agyapade a wʼagyanom akora de abedu nnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sɛɛ na Awurade se.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa deɛ ɛwɔ wo fie nyinaa ne deɛ w’agyanom akora de abɛduru nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ɔseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nokorɛm, ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfie ne agyapadeɛ a wʼagyanom akora de abɛduru ɛnnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sei na Awurade seɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa nea ɛwɔ wo fi nyinaa ne nea w’agyanom akora de abedu nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ose.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 39:6
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔkɔfaa AWURADE fie akoradeɛ nyinaa ne ahemfie akoradeɛ firi hɔ kɔe, na ɔtwitwaa sika nnoɔma a Israelhene Salomo yɛɛ no AWURADE aban mu no ho sika, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na afe no duruiɛ no, Ɔhene Nebukadnessar soma maa wɔbɛfaa no ne AWURADE fie afɛfɛdeɛ nso kɔɔ Babel, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.


Na Nyankopɔn fie nnoɔma no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa, ne AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene no ne ne mmapɔmma akoradeɛ, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babel.


Na mɛyi kuro yi adedodoɔ ne emu mfasodeɛ aboɔdenneɛ nyinaa mama, na mede Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa mahyɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔafomfom afa akɔ Babel.


na wɔbɛworɔ wo ho ntadeɛ, na wɔatase wo nnwinneɛ afɛfɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios