Yesaia 39:2 - Twerɛ Kronkron2 Na Hesekia nyaa wɔn ho anigyeɛ, na ɔkyerɛɛ wɔn n’adekoradan, dwetɛ ne sika, ne nnuhwam ne ngo pa, ne n’akodeɛdan nyinaa ne deɛ wɔhunu no n’adekora adan mu nyinaa; biribiara nni ne fie ne n’ahemman mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm2 Hesekia gyee asomafo no fɛw so, na afei ɔde nea ɔwɔ wɔ ne adekoradan mu kyerɛɛ wɔn; dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhuam, ngohuam, nʼakode akorae ne biribiara a ɛka nʼademude ho. Biribiara nni nʼahemfi ne nʼahenni mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible2 Na Hesekia nyaa wɔn ho anigyeɛ, na ɔkyerɛɛ wɔn n’adekoradan, dwetɛ ne sika, ne nnuhwam ne ngo pa, ne n’akodeɛdan nyinaa ne deɛ wɔhunu no n’adekora adan mu nyinaa; biribiara nni ne fie ne n’ahemman mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm2 Hesekia gyee asomafoɔ no fɛw so, na afei ɔde deɛ ɔwɔ wɔ nʼakoradan mu kyerɛɛ wɔn: dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam, ngohwam, nʼakodeɛ akoraeɛ ne biribiara a ɛka nʼademudeɛ ho. Biribiara nni nʼahemfie ne nʼahennie mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON2 Na Hesekia nyaa wɔn ho anigye, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akoradedan, dwetɛ ne sika ne nnuhuam ne ngo pa ne n’akodedan nyinaa ne nea wohu n’akoradedan mu nyinaa; biribi nni ne fi ne nea odi so nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. Ver Capítulo |