Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 34:2 - Twerɛ Kronkron

2 Na AWURADE abohuro bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyeɛ aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade bo afuw amanaman nyinaa; nʼabufuwhyew no tia wɔn asraafo nyinaa. Ɔbɛsɛe wɔn pasaa, ɔbɛma wɔakunkum wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na AWURADE abohuro bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyeɛ aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade bo afu amanaman no; nʼabufuhyeɛ no tia wɔn akodɔm nyinaa. Ɔbɛsɛe wɔn pasaa, ɔbɛma wɔakunkum wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na AWURADE abohuru bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyew aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 34:2
32 Referencias Cruzadas  

Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuo mu, na ɔde n’abufuhyeɛ bɛyi wɔn hu aka sɛ:


Na wɔboaboaa wɔn ano akuakuo, na asase no so bɔnee.


A, Asiria, m’abufuo abaa a wo nsam poma yɛ m’abufuhyeɛ!


Wɔfiri akyirikyiri asase so ne ɔsoro ano reba, AWURADE ne n’abufuhyeɛ akodeɛ no, sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa.


Montwa adwo, na AWURADE da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.


Me man, kɔ na kɔhyɛne wo mpia mu, na toto w’akyiri apono mu; fa wo ho hunta kakraa bi kɔsi sɛ abufuo no bɛtwam akorɔ.


Na mmepɔ asorɔnsorɔn ne nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa soɔ no, asuasu ne nsubɔntene bɛsene hɔ, okunkɛseɛ da a aban atentene bɛhwehwe aseɛ no.


na mempae AWURADE anisɔ afe ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da no, menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa werɛ,


Na metiatiaa aman so, m’abufuo mu, na memaa wɔboboroe, m’abufuhyeɛ mu, na megyee wɔn nkwa firii wɔn nsam.


me nso mede mo bɛma afena, na wɔakum; ɛfiri sɛ mefrɛe, na moannye so, mekasae, na moantie, na moyɛɛ deɛ ɛyɛ m’ani so bɔne, na deɛ mempɛ na moyiiɛ.


Na mobɛhunu na mo akoma ho asɛpɛ no, na mo nnompe ayɛ hurohuro sɛ wira frɔmfrɔm; na wɔbɛhunu AWURADE nsa, ne nkoa so, ne abufuo a emu yɛ den, n’atamfo so.


Na ogya na AWURADE de bɛbu atɛn, na ɔde afena ne honam nyinaa adi, na wɔn a AWURADE bɛhwire wɔn mu bɛdɔɔso.


Hooyɛ no bɛduru asase ano nohoa, na AWURADE ne amanaman reham; ɔrebu honam nyinaa atɛn; ɔde abɔnefoɔ ato afena ano, AWURADE asɛm nie.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, bɔne refiri adi afiri ɔman so kɔ ɔman so, na ahum kɛseɛ atu afiri asase anoano.


Na da no na AWURADE bɛma atɔfoɔ adeda hɔ afiri asase ano akɔsi asase ano, wɔrenyɛ wɔn ayie, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn; wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.


enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ampa ara, me ninkuntwe gya mu na mɛkasa atia amanaman nkaeɛ no, ne Edom nyinaa a wɔafa m’asase ayɛ wɔn apɛgyadeɛ, wɔn akoma nyinaa anigyeɛ mu, ne ɔkra ho ɛpetoɔ mu, sɛ wɔbɛfa de ayɛ fomfa adeɛ.


Enti monhwɛ me kwan, AWURADE asɛm nie, nkɔsi da a mɛsɔre mabɛgye asadeɛ. Na ɛyɛ m’atemmudeɛ sɛ meboa amanaman ano na mehyia ahennie aman, na mahwie m’abohuro, m’abufuhyeɛ nyinaa, agu wɔn so; na me ninkuntwe gya no mu asase no nyinaa bɛhye.


Na AWURADE bɛfiri adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne ko da no.


Na wɔda Nyankopɔn abufuo adi firi soro de tia nnipa a wɔnsuro Nyankopɔn na wɔde nneyɛɛ a ɛntene nam amumuyɛ so si nokorɛ no kwan.


Na ɛfiri AWURADE, sɛ ɔpirim wɔn akoma sɛ wɔnkɔhyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasapasa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔatwerɛ ne din wɔ nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu.


Na wɔforo kɔgyinaa asase tɛtrɛtɛ no so, na wɔtwaa ahotefoɔ no ne kuro a wɔdɔ no no ho nsraban hyiae. Na egya firi soro guu fam bɛhyee wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios