Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 32:12 - Twerɛ Kronkron

12 Mommobɔ mo koko wɔ mfuo fɛfɛ no nti, bobe nnua a ɛso pii no ntira.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Mommobɔ mo koko so sɛ mowɔ mfuw afɛfɛ ne bobe a ɛso no nti,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Mommobɔ mo koko wɔ mfuo fɛfɛ no nti, bobe nnua a ɛso pii no ntira.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Momfa awerɛhoɔ mfa mo nsa mmoro mo koko so wɔ mfuo fɛfɛ ne mo bobe a ɛsoɔ no enti.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Mommobɔ mo koko, mfuw afɛfɛ no nti, bobe nnua a ɛsow pii no ntia.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 32:12
11 Referencias Cruzadas  

Na wɔahyɛ no saa, wɔapa Ninewe ho, wɔafa no kɔ, na ne mmaawa si apini sɛdeɛ mmuruburo pempem wɔn kokoɔ.


Nanso memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, ɛserɛ so sɛ meremfa wɔn nkɔ asase a memaeɛ a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,


Ɛda no na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, sɛ merebɛyi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase a mepɛ maa wɔn, a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ, a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,


Nisuo ama m’ani ayɛ samoo, m’ayamdeɛ kyinkyim, m’akoma ate, ɛsiane me man babaa sɛeɛ nti, ɛnam sɛ mmotafowa ne nkokoaa totɔ piti, kuro no mmorɔno so.


Nkasɛɛ ne nwerɛ fu me man asase no so, aane, anigyeɛ kuro no mu anigyeɛ adan nyinaa so mpo.


Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama no ada mpan, na wadane ani abutu, na wabɔ ɛsofoɔ apete,


Nsamono twa adwo, bobe ayɛ mmerɛ; wɔn a wɔn akoma tɔɔ wɔn yam nyinaa si apini;


Wɔasɛe me bobe pasaa, na wɔapempane me borɔdɔma mman; wɔawaewae ho hono agu, na ne mman ho ahoa fitafitaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios