Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 24:12 - Twerɛ Kronkron

12 Deɛ aka kuro mu ne ɔsɛeɛ, wɔabubu kuro apono pasaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Kuropɔn no asɛe, wɔabubu nʼapon mu nketenkete.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Deɛ aka kuro mu ne ɔsɛeɛ, wɔabubu kuro apono pasaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Kuropɔn no asɛe, wɔabubu nʼapono mu nketenkete.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Nea aka kurow mu ne ɔsɛe, wɔabubu kurow apon pasaa.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 24:12
12 Referencias Cruzadas  

O, Kuro pono, twa adwo; kurokɛseɛ, team ɛ; O wo, Filistia nyinaa, ma w’akoma ntu; ɛfiri sɛ wisie firi atifi fam aba, na n’asafo mu biara nka akyire.


Na aban fɛfɛ bo bɛda mpan, wɔbɛgya kuro a nnipa dɔɔso wɔ mu no, ne kokoɔ ne ɔwɛn aban bɛdane atu de akɔsi daa, ɛserɛ so mfunumu anika ne mmoakuo adidibea.


Na asukɔtweaa bɛgu da a kwaeɛ no bɛhwe fam no, na wɔbɛbrɛ kuro no aseɛ korakora.


Mɛdi w’anim, na mabrɛ mmepɔ ase; mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono mu, na matwitwa dadeɛ adaban mu.


Na mɛyɛ Yerusalem nkunkumaboɔ akuakuo, ɛserɛ so kraman tenabea, na madane Yuda nkuro amamfo a obiara nte hɔ.


Ao, kuro a anka emu nkurɔfoɔ dɔɔso no, ɔno nko ara te hɔ sɛn nie! Deɛ anka ɔso amanaman mu no, wayɛ sɛ okunafoɔ. Deɛ ɔdi nsase ahodoɔ so hemmaa no, wayɛ deɛ ɔyi toɔ.


Sion akwan di abooboo, sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti, n’aponkɛseɛ nyinaa ayɛ afo; n’asɔfoɔ gu ahome, ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na ɔno ara nso, ayɛ no nwono.


N’aponkɛseɛ amem fam, akyire adaban asɛe, abubu. Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu, mmara no nni hɔ bio, n’adiyifoɔ nhunu AWURADE hɔ anisoadeɛ.


Sion bepɔ a ayɛ amamfo nti, ɛserɛ so kraman nenam so.


na Marotfoɔ de ahoyera twɛn mmerɛ pa, ɛfiri sɛ bɔne afiri AWURADE nkyɛn aduru aba Yerusalem kuro pono ano.


Na n’apirakuro no aporɔ. Na abɛduru Yuda, abɛso me man pono ano, aduru Yerusalem.


Na ɔhene no teeɛ no, ne bo fuiɛ, na ɔsomaa ne dɔm maa wɔkɔkunkumm awudifoɔ no, na wɔhyee wɔn kuro.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios