Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 24:11 - Twerɛ Kronkron

11 Wɔsu bobesa ho kɔm mmorɔno so, anigyeɛ nyinaa agu, asase so ahurisidie atu kɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔpere nsa wɔ mmɔnten so; ahosɛpɛw nyinaa adan bosooyɛ, anigye nyinaa atu ayera wɔ asase no so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Wɔsu bobesa ho kɔm mmorɔno so, anigyeɛ nyinaa agu, asase so ahurisidie atu kɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔpere nsã wɔ mmɔntene so; ahosɛpɛ nyinaa adane bosoo yɛ, anigyeɛ nyinaa atu ayera wɔ asase no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Wosu bobesa kɔm mmorɔn so, anigye nyinaa agu, asase so ahurusidi atu kɔ.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 24:11
18 Referencias Cruzadas  

Na yɛn anantwie ho atua wɔn ho a ɔsɛeɛ ne ɔyera mma wɔn mu, na abooboo amma yɛn mmɔntene so.


Fa nsaden ma deɛ ɔresɛeɛ, ne bobesa ma awerɛhofoɔ.


na wɔayi anigyeɛ ne ahosɛpɛ afiri mfuo papa mu, na wɔnte ahurisie dwom anaa nteateam wɔ bobe nturo mu, nsakyifoɔ nkyi nsa-kyi-amena mu nsa, atiatiafoɔ dwom nso, matwa so.


Afe ne akyire nna bi mu no, mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo, na bobe abateɛ to bɛtwa, nnuaba anoboa remma bio.


Nkasɛɛ ne nwerɛ fu me man asase no so, aane, anigyeɛ kuro no mu anigyeɛ adan nyinaa so mpo.


na wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohiahia ne sum nie, ahodwan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu.


Asafo AWURADE abufuhyeɛ nti na asase no ahye tumm, na ɔman no ayɛ sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya; obi nkora ne nua.


Yuda di abooboo na n’aponkɛseɛ agogo, wɔboa fam si wɔn tiri ase twann, na Yerusalem nteamu foro kɔ soro.


Amanaman ate wo ahohora, na wo nteamu ayɛ asase ma tɔ, na dɔmmarima abɔ dɔmmarima so ma wɔn baanu abom ahwehwe ase.


na wɔahwam anigyeɛ ne ahurisidie afiri mfu pa wɔ Moab asase so, na matwa nsa to afiri nsa-kyi-amena mu. Wɔrenyɛ nsa mmɔ nnye so. Wɔbɛbo agye so a ɛnyɛ anigyeɛ mmɔgyesoɔ.


Na wɔnsu mfrɛɛ me wɔn akoma mu, na wɔbobom wɔn, nnaeɛ so; ayuo ne nsa nti na wɔdi nkyeresoɔ, wɔte m’anim atua.


Obobe akusa, na borɔdɔma atwam, atoaa aba, abɛ nso ne aprɛ. Petee mu nnua nyinaa akusa, ampa, anika atu afiri nnipa mma mu.


Ao, ɛda no! Na AWURADE da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛeɛ tumi afiri Otumfoɔ nkyɛn.


Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote aseɛ no, wonyaa ahotɔ, na Lasaro nso deɛ, ɔhunuu amane; afei na ne werɛ akyekyerɛ, na wo nso, worehunu amaneɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios