Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 23:8 - Twerɛ Kronkron

8 Hwan na ɔbɔɔ ne tirim pɔ yi tiaa Tiro, abotiremafoɔ no a n’adwadifoɔ yɛ mmapɔmma ara nko, na n’adwadifoɔ yɛ asase so animuonyamfoɔ ara nko no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Hena na ɔbɔɔ atirimpɔw yi de tiaa Tiro, nea ɔkyekyɛ ahenkyɛw, nea nʼaguadifo yɛ ahenemma, na nʼadetɔnfo agye din wɔ asase so?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Hwan na ɔbɔɔ ne tirim pɔ yi tiaa Tiro, abotiremafoɔ no a n’adwadifoɔ yɛ mmapɔmma ara nko, na n’adwadifoɔ yɛ asase so animuonyamfoɔ ara nko no?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Hwan na ɔbɔɔ atirimpɔ yei de tiaa Tiro, deɛ ɔkyekyɛ ahenkyɛ, deɛ nʼadwadifoɔ yɛ ahene mma, na nʼadetɔnfoɔ agye din wɔ asase so?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Hena na ɔbɔɔ ne tirim pɔw yi hyɛɛ Tiro abotirimafo no, a n’aguadifo yɛ mmakoma ara nko, na n’adetɔnfo yɛ asase so anuonyamfo ara nko no?

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 23:8
11 Referencias Cruzadas  

Ɛfiri sɛ ɔka sɛ: M’asafohene nyɛ ahemfo nko ara?


Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nti, wode wo ho akɔto Misraim soɔ yi, wobɛyɛ dɛn na woapam me wura nkoa nketewa yi mu safohene baako?


Na wɔde w’ahonyadeɛ bɛyɛ asadeɛ, na wɔafomfom w’adwadeɛ, na wɔadwiri w’afasuo, na wɔasɛe w’anigyeɛ afie. Na wɔatoto w’aboɔ ne wo nnua ne wo dɔteɛ agu nsuo mu.


Woama w’adwadifoɔ adɔɔso asene ɔsoro nsoromma; nanso te sɛ ntutummɛ no wɔgu so fom fa na wɔtu kɔ.


Na Tiro too aban a ɛyɛ den, na ɔtiaa dwetɛ sɛ mfuturo, ne sika kɔkɔɔ sɛ mmorɔno so dɔteɛ.


na kanea hann renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔ nne wo mu bio, ɛfiri sɛ w’adwadifoɔ yɛɛ asase so nnipa akɛseɛ, na wɔde w’adutoɔ adaadaa amanaman nyinaa.


Yei nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owuo ne awerɛhoɔ ne ɛkɔm, na wɔde ogya bɛhye no, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios