Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 23:3 - Twerɛ Kronkron

3 na wɔfaa nsuo bebree so de Sihor nnɔbaeɛ, ne Nil ano ayuo bae, na ɛyɛɛ amanaman adwadie mu mfasoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nsu akɛse no so na aduan fi Sihor nam bae; Nil ho nnɔbae na ɛyɛɛ Tiro foto, na ɔbɛyɛɛ amanaman aguadibea.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na wɔfaa nsuo bebree so de Sihor nnɔbaeɛ, ne Nil ano ayuo bae, na ɛyɛɛ amanaman adwadie mu mfasoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nsuo akɛseɛ no so na aduane firi Sihor nam baeɛ; Nil ho nnɔbaeɛ na ɛyɛɛ Tirofoɔ toɔ, na ɔbɛyɛɛ amanaman adwadibea.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na wɔfaa nsu bebree so wo sika fi Sihor nnɔbae mu, ne Nil ano awi bae, na woyɛɛ amanaman mu aguadifo.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 23:3
12 Referencias Cruzadas  

Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de firii Sihor a ɛwɔ Misraim kɔsii deɛ ɛde rekɔ Hamat, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn adaka no afiri Kiriat-yearim aba.


Nil ho bɛda mpan, wɔ Nil nsunoa ho. Wira a ɛfuo ne adeɛ a wɔadua no Nil ho nyinaa bɛhye apete asɛe;


Hwan na ɔbɔɔ ne tirim pɔ yi tiaa Tiro, abotiremafoɔ no a n’adwadifoɔ yɛ mmapɔmma ara nko, na n’adwadifoɔ yɛ asase so animuonyamfoɔ ara nko no?


Nhyira ne mo a mogu aba, nsuo nyinaa ho, na moma nantwie ne afunumu kwan ma wɔkyinkyin.


Na afei ɛdeɛn na wobɛnya no Misraim korɔ mu, a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsuo yi? Anaasɛ ɛdeɛn na wobɛnya no Asiria korɔ mu a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsuo yi?


W’adwadeɛ firi po nyinaa mu baeɛ no, wode maa aman bebree mee, w’ahonyadeɛ ne w’adwadeɛ dodoɔ na wode maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.


wo nyansa ne wo nhunumu so na woanya adeɛ afa, na woanya sika ne dwetɛ agu w’akoradeɛ mu,


Sɛ mofaa me dwetɛ ne me sika, na mode me nnwinneɛ a ɛsɔ ani a ɛyɛ no kɔɔ mo asɔrefie.


Na asase a worekɔ akɔfa no nte sɛ Misraim asase a mofiri so baeɛ a woguu w’aba na wode wo nan guguu so nsuo sɛ ɛfan turo mu no;


(Ɛde firi Sihor a ɛwɔ Misraim apueeɛ fam no ano de kɔsi Ekron hyeɛ so atifi fam no, wɔbu ma Kanaanfoɔ. Filistifoɔ ahemfo baanum no: Gasa deɛ ne Asdod deɛ, Askelon deɛ, Gat deɛ ne Ekron deɛ) ne Awifoɔ wɔ anafoɔ fam;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios