Yesaia 21:2 - Twerɛ Kronkron2 Anisoadehunu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfomfafoɔ refom fa, ɔsɛefoɔ resɛesɛe. O Elam, foro bra! O Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisie nyinaa to atwa. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm2 Wɔde adaeso a ɛyɛ nwonwa akyerɛ me: Ɔfatwafo di huammɔ, ɔfomfo fa asade. Elam tow hyɛ so! Media bɔ pampim! Mede apinisi a ɔde bae no nyinaa bɛba awiei. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible2 Anisoadehunu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfomfafoɔ refom fa, ɔsɛefoɔ resɛesɛe. O Elam, foro bra! O Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisie nyinaa to atwa. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm2 Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me: Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ. Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim! Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON2 Anisoadehu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfowfo refow na ɔsɛefo resɛesɛe. O Elam, foro bra! Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisi nyinaa to atwa. Ver Capítulo |