Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 21:16 - Twerɛ Kronkron

16 Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Ɛha afe sɛ ɔpaani mfeɛ teɛ no, na Kedar animuonyam nyinaa asa koraa,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu, sɛnea ɔsomfo a wayɛ nhyehyɛe bebubu nna no, Kedar kɛseyɛ to betwa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Ɛha afe sɛ ɔpaani mfeɛ teɛ no, na Kedar animuonyam nyinaa asa koraa,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na nea Awurade ka kyerɛɛ me ni: Ɛha afe, sɛ ɔpaani mfe te no, na Kedar anuonyam nyinaa asa koraa,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 21:16
11 Referencias Cruzadas  

Na yei ne Ismael mma din a wɔde frɛɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ no: Ismael abakan Nebaiot. Wɔn a wɔka ho ne Kedar, Adbeel, Mibsam,


Yeinom ne wɔn awoɔ ntoatoasoɔ: Ismael abakan Nebaiot; ne Kedar, Adbeel, Mibsam,


Ɛnyɛ akodie na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase soɔ na ne nna te sɛ ɔpaani nna?


Mennue sɛ mabɛsoɛ Mesek na matena Kedar ntomadan mu!


O Yerusalem mmammaa, mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ, sɛ Kedar ntomadan, sɛ Salomo ntwamutam.


na afei AWURADE rekasa sɛ: Ɛha mfeɛ mmiɛnsa a ɛte sɛ ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛyera, ɛmfa ho sɛ ɔwɔ dɔm kɛseɛ; na nkaeɛ no bɛyɛ kakraa bi a wɔnyɛ den.


Anwia pradada so ne ɛso nkuro mma wɔn nne so, nkurowa a Kedar te soɔ no; ma wɔn a wɔte Sela nto ahurisie dwom, wɔmfiri mmepɔ atifi mmɔ ahosɛpɛ se.


Wɔbɛboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot adwennini bɛsom wo; wɔde anisɔ bɛforo m’afɔrebukyia, na mɛhyɛ m’animuonyam fie no animuonyam.


Na montwam nkɔ Kiprofoɔ nsupɔ so nkɔhwɛ, na monsoma nkɔ Kedar nkɔpeepee mu yie, na monhwɛ sɛ adeɛ a ɛte sei aba hɔ pɛn anaa?


Kedar ne Hasor ahennie a Babelhene Nebukadnessar sɛee no deɛ nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Monsɔre ntu Kedar so sa, na monsɛe apueeɛfoɔ.


Arabia ne Kedar aberempɔn nyinaa yɛ wo nsa ano adwadifoɔ: Nnwammaa ne adwennini ne mpapo dwa na wɔne wo die;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios