Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 20:5 - Twerɛ Kronkron

5 Na wɔn ho bɛpopo na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da soɔ ne Misraim a ɛyɛ wɔn animuonyam no ho,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no besuro na wɔn ani awu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔn ho bɛpopo na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da soɔ ne Misraim a ɛyɛ wɔn animuonyam no ho,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no bɛsuro na wɔn ani awu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔn ho bɛpopo na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da so ne Misraim a ɛyɛ wɔn anuonyam no ho,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 20:5
17 Referencias Cruzadas  

Afei, hwɛ, wode wo ho to demmire a abuo yi so, ɛne Misraim a sɛ obi twere no a, ɛwɔ ne nsam hwire mu! Saa na Misraimhene Farao teɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.


Montwe mo ho mfiri onipa a ahome wɔ ne hwene mu no ho, na onipa yɛ deɛn koraa?


Na Farao ahoɔden bɛdane mo aniwuo, na Misraim nwunu mu dwanekɔhyɛ ayɛ mo ahohora.


wɔn nyinaa ani bɛwu ɔman a wɔn ho remma wɔn mfasoɔ no ho. Wɔrenyɛ wɔn mmoa na wɔrenya wɔn ho mfasoɔ biara, na mmom aniwuo ne ahohora.


Ɛfiri sɛ Misraim mmoa yɛ adehuhuo ne adehunu, enti na mafrɛ no Rahab.


Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti, ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ, na AWURADE akyiri kwan nso, wɔnhwehwɛ.


Hwɛ, wode wo ho ato Misraim so, demmire a abuo a sɛ obi twere no a ɛwɔ ne nsam hwire mu no: Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.


Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nti, wode wo ho akɔto Misraim soɔ yi, wobɛyɛ dɛn na woapam me wura nkoa nketewa yi mu safohene baako?


Na ɔtee Etiopiahene Tirhaka nka sɛ: Watu ne wo rebɛko. Na ɔteeɛ no, ɔsomaa abɔfoɔ baa Hesekia nkyɛn sɛ:


Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa soɔ, na ɔde honam yɛ ne basa, na n’akoma atwe afiri AWURADE ho.


Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Hwɛ, mereba mabɛtwe Amon a ɔwɔ Tebes no aso, ne Farao ne Misraim ne ɛso anyame ne ɛso ahemfo ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ no,


Na Israel fie remfa wɔn ho nto wɔn so bio, sɛ wɔkae wɔn bɔne a ɛne sɛ wɔhwehwɛɛ mmoa firii wɔn hɔ no. Na wɔahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.


Etiopia ne Misraimfoɔ yɛ ne dɔm a ɛyɛ den na wɔnni ano; afei nso, Put ne Libiafoɔ nso di boaa wo.


Mo, Etiopiafoɔ, nso, m’afena ano na mobɛtotɔ.


Enti obiara nnhoahoa ne ho nnipa fam; na nnoɔma nyinaa wɔ mo,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios