Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 20:4 - Twerɛ Kronkron

4 saa ara nso na Asiriahene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia atukɔfoɔ, mmeranteɛ ne mpanin akorɔ na wɔanante adagya ne nnammɔnhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 saa ara na Asiriahene bedi Misraim nneduafo ne Kus nnommum a wɔdeda adagyaw na wɔn nan sisi fam, mmabun ne mpanyin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 saa ara nso na Asiriahene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia atukɔfoɔ, mmeranteɛ ne mpanin akorɔ na wɔanante adagya ne nnammɔnhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 saa ara na Asiriahene bɛdi Misraim nneduafoɔ ne Kus nnommumfoɔ a wɔdeda adagya na wɔn nan sisi fam, mmabunu ne mpanin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 saa ara nso na Asaria hene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia tukɔfo, mmerante ne mpanyin akɔ na wɔanantew adagyaw ne nammɔnhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 20:4
18 Referencias Cruzadas  

Na mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfoɔ nsa, na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so: AWURADE, asafo AWURADE, na ɔseɛ.


Na me nso mɛyi w’atadeɛ nhyɛaseɛ mabua w’anim, na wɔahunu w’ahohora no.


Na sɛ wose no w’akoma mu sɛ: Ɛdeɛn nti na yeinom ato me yi a, w’amumuyɛ bebree nti na wɔayi w’atadeɛ nhyɛaseɛ adie, wɔahyɛ wo nantin yea.


Metu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔabere ho ogya mu, na woanya ahonya ne atadeɛ fitaa, na woahyɛ, na w’adagya ahohora anna adi, ne aniduro a wode bɛsra w’ani, na woahunu adeɛ.


Safirfoɔ, monsene nkɔ, adagya aniwuo mu; Saananfoɔ mfiri adi; Bet-esel agyaadwotwa ma mo gyinabea bɔ mo;


Tehafnehes nso, ɛda no bɛduru sum, sɛ merebubu Misraim kɔnnua wɔ hɔ, na n’ahoɔden ahantan to bɛtwa wɔ ne mu, na mununkum bɛkata ne so, na ne mmammaa akɔ nnommumfa mu.


na mede wɔn mahyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn kra no nsa, ne Babelhene Nebukadnessar ne ne nkoa nsa; na ɛno akyi no, wɔbɛsane abɛtena ha sɛ tete nna no, AWURADE asɛm nie.


W’adagya bɛda adi, na wɔahunu w’ahohora. Mɛtɔ were, na merenhunu onipa mmɔbɔ.


AWURADE bɛma tirimkuro agu Sion mmammaa mpampam, na AWURADE bɛyi wɔn adagya so.


Na Hanun faa Dawid nkoa no yii wɔn bɔdwesɛ fa fa, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa bɛduruu wɔn ataaso, na ɔgyaa wɔn kwan.


Fa ayuyammoɔ ne ne ba kɔyam ayuo, yi wo nkatanimu, ma wo gyawurusie so, yiyi wo nan ho, twitwa asuo.


Yɛ atukorɔ ho adeɛ fa, O Misraim babaa a wote hɔ no, na Memfi bɛdane amamfo, na ahye a obiara rentena mu bio.


Monyɛ me sɛ Etiopiafoɔ, mo Israel mma anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ Israel na meyii no firii Misraim asase soɔ, na Filistifoɔ nso firi Kaftor, na Siriafoɔ nso firi Kir?


Yei nyinaa akyi no, wɔfaa no kɔɔ nnommum mu, ne mmotafowa nso, wɔde wɔn abobɔ mmorɔno nyinaa ntweaso akunkum wɔn, na wɔtwee n’animuonyamfoɔ so ntonto, na wɔguu ne nnipa akɛseɛ nyinaa mpokyerɛ.


Mo, Etiopiafoɔ, nso, m’afena ano na mobɛtotɔ.


Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na ɔyiyii wɔn, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa, de bɛduruu wɔn nsrɛkyire, na ɔgyaa wɔn kwan.


Nanso ɔyɛ onyansafoɔ, na ɔde mmusuo bɛba; ne nsɛm nso, ɔrensane, na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ fie ne amumuyɛfoɔ boafoɔ no.


Na Misraimfoɔ yɛ nnipa, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na wɔn apɔnkɔ nso yɛ honam, na ɛnyɛ honhom. Na AWURADE bɛtene ne nsa, na ɔboafoɔ awatiri, na deɛ wɔaboa no no ahwe ase, na wɔn baanu nyinaa abom asɛe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios