Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 20:1 - Twerɛ Kronkron

1 Afe a Tartan baa Asdod, berɛ a Asiriahene Sargon somaa no na ɔne Asdod koeɛ na ɔfaeɛ no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afe a Asiriahene Sargon somaa ne man no sahene kɔɔ Asdod kɔtow hyɛɛ no so na odii ne so nkonim no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Afe a Tartan baa Asdod, berɛ a Asiriahene Sargon somaa no na ɔne Asdod koeɛ na ɔfaeɛ no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afe a Asiriahene Sargon somaa ne ɔman no sahene kɔɔ Asdod kɔto hyɛɛ no so na ɔdii ne so nkonim no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Afe a Tartan baa Asdod, bere a Asaria hene Sargon somaa no na ɔne Asdod koe na odii nkonim no,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 20:1
9 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Asiriahene somaa ne sahene anaa Tartan, ne piafoɔ panin anaa Rabsaris, ne nsahyɛfoɔ panin anaa Rabsake no firi Lakis ne dɔm a emu yɛ duro baa Ɔhene Hesekia so wɔ Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem. Na wɔforo baeɛ no, wɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ Ntomasifoɔ Asasewa no tempɔn ho no suka ho.


Na ɔfirii adi kɔnee Filistifoɔ koe, na ɔbubuu Gat fasuo ne Yabne fasuo ne Asdod fasuo, na ɔkyekyeree nkuro Asdod ho ne Filistifoɔ no mu.


O, Kuro pono, twa adwo; kurokɛseɛ, team ɛ; O wo, Filistia nyinaa, ma w’akoma ntu; ɛfiri sɛ wisie firi atifi fam aba, na n’asafo mu biara nka akyire.


ne amamfrafoɔ no nyinaa, ne Us asase so ahemfo nyinaa, ne Filistifoɔ asase so ahemfo nyinaa, ne Askelon ne Gasa ne Ekron ne Asdod nkaeɛ no,


na mɛtwa emufoɔ afiri Asdod ne ahempomakurani afiri Askelon, na mɛdane me nsa atia Ekron, na Filistifoɔ nkaeɛ ayera, AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.


Wɔannya Anakfoɔ Israelfoɔ no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kaeɛ.


Ɛberɛ a Filistifoɔ no faa Nyankopɔn adaka no, wɔde firi Eben-eser kɔɔ Asdod.


Na yeinom ne sika mpɔmpɔ a Filistifoɔ de yɛɛ asodie afɔdeɛ de brɛɛ AWURADE no: Asdod deɛ baako, Gasa deɛ baako, Askelon deɛ baako, Gat deɛ baako, Ekron deɛ baako;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios