Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 19:11 - Twerɛ Kronkron

11 Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko, Farao afotufoɔ mu anyansafoɔ afotuo adane nkwaseasɛm. Adɛn na mose Farao sɛ: Anyansafoɔ ba ne me, tete ahemfo no ba?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Soan adwumayɛfo nka hwee sɛ nkwaseafo; Farao agyinatufo anyansafo ma afotu bɔne. Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao se, “Meyɛ anyansafo no mu baako, tete ahemfo no kyidifo?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko, Farao afotufoɔ mu anyansafoɔ afotuo adane nkwaseasɛm. Adɛn na mose Farao sɛ: Anyansafoɔ ba ne me, tete ahemfo no ba?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Soan adwumayɛfoɔ nka hwee sɛ nkwaseafoɔ; Farao agyinatufoɔ anyansafoɔ ma afutu bɔne. Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao sɛ, “Meyɛ anyansafoɔ no mu baako, tete ahemfo no kyidifoɔ?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko, na Farao afotufo mu anyansafo afotu adan nkwaseasɛm. Ɛdɛn na muse Farao sɛ: Anyansafo ba ne me, tete ahene no ba?

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 19:11
31 Referencias Cruzadas  

Na wɔforo faa nifa fam, na wɔduruu Hebron deɛ Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron deɛ, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim.)


Na wɔkyerɛɛ Mose Misraimfoɔ nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛɛ mu.


Na Yuda asafohene wɔ Soan, na wɔn abɔfoɔ aduru Hanes;


na ɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ Misraim ne n’anwanwadeɛ, Soan petee mu no.


Na Salomo nyansa dɔɔso sene apueeɛ mma nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.


Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔn agyanom anim, Misraim asase so, Soan petee mu.


Na mɛyɛ Patros pasaa, na masɔ ogya Soan, na mayɛ atemmudeɛ wɔ Tebes,


Abuo pae abuo so, akwansosɛm pae akwansosɛm so. Na wɔhwehwɛ odiyifoɔ hɔ adehunu, na mmara bɔ ɔsɔfoɔ, na afotuo bɔ mpanimfoɔ.


Edom deɛ nie: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nyansa biara nni Teman bio? Afotuo abɔ nhunumufoɔ? Wɔahwie wɔn nyansa agu anaa?


Na ahwɛfoɔ no adane agyimifoɔ, na wɔmmisa AWURADE akyiri kwan; ɛno nti wɔanni yie, na wɔn mmoakuo no nyinaa abɔ apete.


Nnipa nyinaa yɛ agyimifoɔ a wɔnni nimdeɛ, sikadwumfoɔ nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, ɛfiri sɛ wɔn agudeɛ no yɛ atorɔ, na ahome nni wɔn mu.


deɛ ɔma adebisafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔma anyansafoɔ sane akyire, na ɔdane wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;


hwɛ, mɛkɔ so ara na me ne ɔman yi adi no anwanwasɛm mu. Mɛma no ayɛ nwanwa ne ahodwiri, na wɔn anyansafoɔ nyansa ayera, na wɔn nhunumufoɔ nhunumu so akata.


Soan mmapɔmma adane nkwaseafoɔ, wɔasisi Memfis asafohene nso, na wɔn a wɔyɛ mmusuakuo no mu ntweaso tiboɔ adaadaa Misraim.


Na Misraimfoɔ honhom bɛsa wɔ wɔn mu, na wɔn agyinatuo nso, mahwete, na wɔakɔ akɔbisa abosonhuhuo ne nkaberɛkyerefoɔ ne asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ hɔ.


Na meyɛ mmoasɛm kyɛne onipa obiara, na nhunumu a onipa wɔ no, na menni bi.


Ogyimifoɔ nnim, na ɔkwasea nhunu yei mu.


anka meyɛ ɔkwasea a mennim de, na mayɛ sɛ aboa, w’ani so.


AWURADE ma amanaman agyina dane hunu, ɔma aman adwene yɛ ɔkwa.


Ɔpa apamfoɔ ho de wɔn kɔ, na ɔma atemmufoɔ dane nkwaseafoɔ;


Anyansafoɔ ani bɛwu, wɔbɛbɔ binim na wɔakye wɔn. Hwɛ, AWURADE asɛm na wɔapoɔ yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ?


Wɔteam hɔ sɛ: Misraimhene Farao asɛe; wama berɛ a ɛsɛ no atwam.


W’ahoɔfɛ nti w’akoma ahuhuru, woasɛe wo nyansa ne wo hyerɛn, mato wo atwene fam, mede wo ato ahemfo anim sɛ wɔnhwɛ wo.


Wɔn a wɔne wo wɔ apam nyinaa adaadaa wo abɛduru ɛhyeɛ so; wɔn a wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu adaadaa wo afa wo so; wɔn a wɔdii w’aduane asum w’ase fidie; nanso wonnim.


Na wo ne wo manfoɔ ne wo nkoa nyinaa so na mponkyerɛne no bɛforo aba.


Na wɔboaboaa wɔn ano akuakuo, na asase no so bɔnee.


Ɛnna Hiram maa Salomo ntweneduro ne papea nnua sɛdeɛ ɔpɛ nyinaa.


Ɛnyɛ ɛda no, na mɛsɛe anyansafoɔ afiri Edom ne nhunumu afiri Esau bepɔ soɔ? AWURADE asɛm nie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios