Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 16:6 - Twerɛ Kronkron

6 Yɛate Moab ahomasoɔ a wayɛ dodoɔ, n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’aniɛden ne ahoahoasɛm huhuo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ, nʼani a atra ne ntɔn mmoroso, nʼahomaso ne nʼasoɔden nanso hwee nni nʼahomaso no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Yɛate Moab ahomasoɔ a wayɛ dodoɔ, n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’aniɛden ne ahoahoasɛm huhuo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ, nʼani a atra ne ntɔn ne ne ntɛn, nʼahomasoɔ ne nʼasoɔden, nanso hwee nni nʼahomasoɔ no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Yɛate Moab homan a wahoman dodo, sɛnea n’ahomaso te, n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’anuɔden ne ahoahoasɛm huhuw no.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 16:6
17 Referencias Cruzadas  

Sɛ AWURADE seɛ nie: Moab amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ ɔde Edom hene nnompe hyee akaadoo nti.


Na wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio, ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm.


Momma no mmoro, ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm, na momma Moab ayantam ne feɛ mu, na ɔno nso nnane asereseredeɛ.


Afena wɔ akɔmfoɔ atorofoɔ no so, na wɔadanedane nkwasea. Afena wɔ wɔn nnɔmmarima so, na wɔn akoma atu na wɔakunkum wɔn.


deɛ ɔma adebisafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔma anyansafoɔ sane akyire, na ɔdane wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;


na mo ne owuo apam no wɔbɛtwam, na mo ne Asamando nkasasie no rennyina; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛbɛtiatia mo so;


Na moka sɛ: Yɛne owuo apam, na yɛne Asamando adi nkasasie; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so.


Nnipa ahantan ani bɛbrɛ ase, na mmarima ahomasoɔ ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Ɔhantanni a wahuhuro, ne din de ɔfɛdifoɔ, ɔdi n’asɛm ahantan ntrasoɔ mu.


na ɔbɛtrɛ ne nsam wɔ mu, sɛdeɛ osudwareni trɛ ne nsam dwareɛ no, na ɔbɛbrɛ n’ahantan ase, ɛne ne nsa adeyɛ no.


Moab ho atemmusɛm. Ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Ar nti, Moab abɔ no, ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Kir Moab abɔ no nti,


Na AWURADE nsa bɛsi bepɔ yi so na wɔbɛtiatia Moab so wɔ n’afa, sɛdeɛ wɔtiatia nwira dodoɔ soɔ wɔ sumina soɔ;


Ɛyɛ dɛn na moka sɛ: Yɛyɛ nnɔmmarima ne akofoɔ akokoɔdurufoɔ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios