Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 15:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na Nimrim asuo no asɛe pɔtɔɔ, na ɛserɛ adwan, na wira asa, wira mono nni hɔ bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nimrim nsuwansuwa ayoyow na sare no ahyew afifide nyinaa ayera na ɛnkaa wura biara a ɛyɛ amono.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Nimrim asuo no asɛe pɔtɔɔ, na ɛserɛ adwan, na wira asa, wira mono nni hɔ bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nimrim nsuwansuwa awewe na ɛserɛ no ahye afifideɛ nyinaa ayera na ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Nimrim asu no asɛe pɔtɔɔ, na sare aguan, na wura asa, wura momono nni hɔ bio.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 15:6
11 Referencias Cruzadas  

Na mfofo so forotebereɛ nso, ɔwo a, ɔgya ne mma, ɛfiri sɛ wira biara nni hɔ.


Wɔma wɔn nne so firi Hesbon nteam no mu kɔsi Eleale ne Yahas, ɛfiri Soar kɔsi Horonaim, sɛ mfeɛ mmiɛnsa nantwibereɛ; na Nimrim nsuo mpo adane nkyɛkyerɛ.


Ogya hye di wɔn anim, na ogyaframa tafere di wɔn akyi; wɔn anim asase te sɛ Eden turo, na wɔn akyiri deɛ yɛ ɛserɛ pradada, na biribiara remfiri wɔn anim nkɔ.


Nkuro Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon,


ne Bet-nimra ne Bet-haran, nkuro a wɔatoto ho afasuo ne nnwammuo.


ne bonhwa no mu, Bet-haram ne Bet-nimra ne Sukot ne Safon a ɛyɛ Hesbon hene Sihon ahennie no nkaeɛ, Yordan ne ɛho hyeɛ, de kɔsi Kineret po no awieeɛ, Yordan agya apueeɛ.


Na deɛ ɔdi kan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔto guu asase so. Na asase nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako hyee, na nnua nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso hyee, na nwira mono nyinaa nso hyee.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios