Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 13:21 - Twerɛ Kronkron

21 na ɛserɛ so mmoa na wɔbɛda hɔ, na mpatuo bɛyɛ wɔn adan amaama, na nsohori nso bɛtena hɔ, na nsasabonsam asa hɔnom;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Nanso sare so mmoa bɛda hɔ. Sakraman bɛyɛ nʼafi no mu ma; hɔ na mpatu bɛtena, hɔ na wura mu mmirekyi nso bedi agoru.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 na ɛserɛ so mmoa na wɔbɛda hɔ, na mpatuo bɛyɛ wɔn adan amaama, na nsohori nso bɛtena hɔ, na nsasabonsam asa hɔnom;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Nanso ɛserɛ so mmoa bɛda hɔ. Sakraman bɛyɛ nʼafie no mu ma; ɛhɔ na apatuo bɛtena, ɛhɔ na wira mu mpɔnkye nso bɛdi agorɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 na sare so mmoa a wɔyɛ keka na wɔbɛdeda hɔ, na mpatu bɛyɛ wɔn adan amaama, na nsohori nso bɛtena hɔ, na sasabonsam asaw hɔnom;

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 13:21
10 Referencias Cruzadas  

Na mede no bɛyɛ mpɛsɛ agyapadeɛ ne nsuo atareɛ, na mede ɔsɛeɛ praeɛ mapra no, asafo AWURADE asɛm nie.


Hwɛ, Kaldeafoɔ asase! Ɛno na ɛyɛ ɔman ɛnyɛ Asiria. Wɔde Tiro maa nkekaboa. Wɔtoo wɔn afasuo denden no. Wɔbubuu n’ahemfie maa ɛyɛɛ fituo.


Na woadane kuro nkunkumaboɔkuo, woama abandenden ayɛ abansini; ananafoɔ aban afɛfɛ nyɛ kuro bio, na wɔrento bio da biara da.


Na aban fɛfɛ bo bɛda mpan, wɔbɛgya kuro a nnipa dɔɔso wɔ mu no, ne kokoɔ ne ɔwɛn aban bɛdane atu de akɔsi daa, ɛserɛ so mfunumu anika ne mmoakuo adidibea.


Ɛno nti ɛserɛ so mmoa ne nkuntumpaa bɛtena hɔ, na nsohori bɛtena mu; na nnipa rentena mu da biara da, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu biara renkyekyere bio.


sohori, anadwo-akorɔma, ɛpo so asomfenakatakyi, akorɔma, sɛdeɛ wɔn su teɛ,


Yei nti mɛsu na matwa adwo, mɛnante kwaterekwa ne adagya mu, mɛtue su mu sɛ ɛserɛ so kraman, na madi abooboo sɛ sohori.


na mmoakuo abutubutu mu, mmoadoma nyinaa; nantwinoma ne apɛsɛ nso bɛtena n’adum no so; wɔte nnomaa su mpomma mu, ewira dodoɔ gugu aponnwa ase, na wama ne ntweneduro no ho ada hɔ.


Na ɔde nne a emu yɛ den teaa mu sɛ: Wahwe ase, Babel kɛseɛ no ahwe ase, na adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom fi nyinaa atɛeɛ ne nnomaa a wɔyɛ fi na wɔkyiri wɔn nyinaa atɛeɛ!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios