Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 11:3 - Twerɛ Kronkron

3 Na AWURADE suro bɛyɛ no hwam. Na ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn, na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛdi asɛm,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na nʼani begye wɔ Awurade suro mu. Ɛnyɛ nea ɔde nʼani hu so na obegyina abu atɛn, anaa nea ɔde nʼaso bɛte so na obegyina asi gyinae;

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na AWURADE suro bɛyɛ no hwam. Na ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn, na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛdi asɛm,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na nʼani bɛgye wɔ Awurade suro mu. Ɛnnyɛ deɛ ɔde nʼani hunu soɔ na ɔbɛgyina abu atɛn, anaa deɛ ɔde nʼaso bɛteɛ soɔ na ɔbɛgyina asi gyinaeɛ;

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na AWURADE suro bɛyɛ no huam. Na ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 11:3
20 Referencias Cruzadas  

Na w’afenaa susuu sɛ: Me wura ɔhene asɛm bɛma me asomdwoeɛ, na sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ teɛ no, sɛ me wura ɔhene nso teɛ ne no, sɛ ɔhunu papa ne bɔne mu. Enti AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyi.


Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Kɔ wo fie, na mɛhyɛ wo ho mmara bi.


Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene buiɛ no, wɔsuroo ɔhene anim, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ, Nyankopɔn nyansa wɔ ne mu a ɔde bu atɛn.


Enti ma w’akoa nteaseɛ adwene na memfa memmu wo man atɛn, na menhunu papa ne bɔne mu, na hwan na ɔbɛtumi abu wo man kɛseɛ yi atɛn?


Ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduane hwɛ?


Na aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na ano ka aduane hwɛ.


ɛno na wobɛhunu AWURADE suro, na woahunu Nyankopɔn ho nimdeɛ.


Ɛno na wobɛhunu tenenee ne atemmuo ne adeɛ a ɛtene ne ɔkwan pa nyinaa mu.


Na ɔbɛyɛ wo berɛ mu ɔmannwoeɛ, nkwagyeɛ, nyansa ne nimdeɛ mmorosoɔ bɛba; AWURADE suro ne n’ademudeɛ.


asase no na ɛnyɛ ne kyɛfa Israel mu, na m’aberempɔn anhyɛ me man so bio; na wɔmfa asase no mma Israel fie sɛdeɛ wɔn mmusuakuo no teɛ.


Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ, na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ; ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi, na wɔrensua akodie bio.


Na Yesu nyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu.


na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.


Mommmu atɛn sɛdeɛ mohunu kwa, na mommu atɛn a ɛtene!


Na aduane a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyini a ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hunu papa ne bɔne mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tenteneyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ deɛ onipa hwɛ, na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na AWURADE deɛ, ɔhwɛ akoma mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios