Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 10:7 - Twerɛ Kronkron

7 Nso ɔno deɛ, ɛnyɛ saa na ɔdwene, na n’akoma nsusu no saa, na ɛwɔ n’akoma mu sɛ ɔbɛsɛe na watutu amanaman pii.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso ɛnyɛ eyi ne nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɛnyɛ eyi ne nea ɛwɔ nʼadwene mu; ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe, sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awiei.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Nso ɔno deɛ, ɛnyɛ saa na ɔdwene, na n’akoma nsusu no saa, na ɛwɔ n’akoma mu sɛ ɔbɛsɛe na watutu amanaman pii.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso ɛnyɛ yei ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɛnyɛ yei ne deɛ ɛwɔ nʼadwene mu. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe, sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awieeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Nso ɔno de, ɛnyɛ saa na odwen, na ne koma nsusuw no sa, na ɛwɔ ne koma mu sɛ ɔbɛsɛe na watutu amanaman pii.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 10:7
13 Referencias Cruzadas  

Na mo deɛ modwenee me ho bɔne nanso Onyankopɔn deɛ, na ɔde rebɛyɛ papa. Sɛ ɔbɛyɛ deɛ ada adi nnɛ yi, na ɔbɛgye nnipa pii nkwa.


Ɛfiri sɛ ɔka sɛ: M’asafohene nyɛ ahemfo nko ara?


Hwɛ, Kaldeafoɔ asase! Ɛno na ɛyɛ ɔman ɛnyɛ Asiria. Wɔde Tiro maa nkekaboa. Wɔtoo wɔn afasuo denden no. Wɔbubuu n’ahemfie maa ɛyɛɛ fituo.


na wɔatoto wɔn anyame agu ogya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔboɔ nko, na wɔasɛe wɔn.


n’apaadeɛ a ɔsom ho no ano na mede Misraim asase bɛma no, sɛ n’apaadeɛ a ɔsomm ho, ɛfiri sɛ wɔyɛ maa me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Ninewe, wo mu na deɛ ɔdwene AWURADE ho bɔne, deɛ ɔtuu agyina huhuo no fire.


ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no.


Ɔno na Onyankopɔn anyane no, na wasane owuya homa, ɛfiri sɛ antumi amma sɛ ɛka no hyɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios