Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 10:21 - Twerɛ Kronkron

21 Nkaeɛ no bɛsane aba, Yakob nkaeɛ bɛba Onyankopɔn tumfoɔ no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Nkae bi bɛsan aba, Yakob nkae bi bɛsan aba Otumfo Onyankopɔn no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Nkaeɛ no bɛsane aba, Yakob nkaeɛ bɛba Onyankopɔn tumfoɔ no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Nkaeɛfoɔ no bɛsane aba. Yakob nkaeɛfoɔ no bɛsane aba Otumfoɔ Onyankopɔn no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Nkae no bɛsan aba, Yakob nkae bɛba Onyankopɔn tumfo no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 10:21
17 Referencias Cruzadas  

Na obiara a ɔte ase wɔ baabiara a wakɔyɛ hɔ hɔhoɔ no, ma ɛhɔfoɔ mfa dwetɛ ne sika ne afideɛ ne mmoa ɛne ayamyi adeɛ a wɔde bɛma Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no nnya no kwan.


Na AWURADE bɛbobɔ Misraim, ɔbɛbobɔ wɔn, na wasa wɔn yadeɛ; na wɔbɛsane aba AWURADE nkyɛn, na watie wɔn asa wɔn yadeɛ.


Na Yuda fie mu nkaeɛ a wɔafiri mu afire no, wɔbɛgye nhini bio, na wɔaso aba;


Yakob fie ne Israel fie nkaeɛ nyinaa, mo a wɔaturu mo afiri yafunu mu na masoa mo afiri awotwaa mu no, monyɛ aso mma me.


Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya, na onipa huhuo nnane n’adwene nnya, na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Na ɔbɛba sɛ Ɔgyefoɔ ama Sion ne Yakob mu wɔn a wɔsane firi mmarato mu no, AWURADE asɛm nie.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Firi kɔhyia Ahas, wo ne wo ba Sear-yasub, wɔ atifi tadeɛ suka no a ɛkyerɛ ntomasifoɔ afuo tempɔn soɔ no ano,


Na ɔman no ansane amma deɛ ɔhwee wɔn no nkyɛn, na asafo AWURADE akyiri kwan nso, wɔanhwehwɛ.


Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.


Nna no mu, ne berɛ no mu, AWURADE asɛm nie, na wɔbɛhwehwɛ Israel amumuyɛ, nso na ɛnni hɔ, ne Yuda bɔne, na wɔrenhunu, na mede bɛfiri wɔn a memaa wɔkaeɛ no.


Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumuyɛ nti woahwe ase.


Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.


Na Israel ahantan di n’anim adanseɛ, na wɔnsane mma AWURADE wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnhwehwɛ no yei nyinaa mu.


Wɔsane wɔn akyi, nanso wɔmma ɔsorosoroni no nkyɛn, wɔayɛ sɛ tadua a agoɔ: Afena ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, nkeka a wɔn tɛkyerɛma yɛ nti; yei bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.


na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kane, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakyera wɔn adwene, na wɔnnane mmra Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakyera.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios