Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 2:13 - Twerɛ Kronkron

13 ntwɛn Onyankopɔn kɛseɛ ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Yɛwɔ anidaso wɔ bere a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfo a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ anuonyam mu no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 ntwɛn Onyankopɔn kɛseɛ ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Yɛwɔ anidasoɔ wɔ ɛberɛ a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfoɔ a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ animuonyam mu no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 ntwɛn Onyankopɔn kɛse ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidaso ne n’anuonyam ahoyi.

Ver Capítulo Copiar




Tito 2:13
42 Referencias Cruzadas  

Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.


Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Na Onipa Ba no bɛba n’animuonyam mu a n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.


Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ.


Na Yesu kaa sɛ: Mene no, na mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte tumi nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum mu.


Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.


Na mewɔ Nyankopɔn ho anidasoɔ a wɔn ara nso wɔhwɛ no kwan, sɛ owusɔreɛ a wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛsɔre no bɛba.


Na anidasoɔ Nyankopɔn mfa gyidie mu anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidasoɔ mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu.


Na anidasoɔ nhyɛ aniwuo, ɛfiri sɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛn akoma mu.


Na mebu no sɛ seesei berɛ yi mu amaneɛ yi nnuru animuonyam a wɔrebɛyi no adie de ama yɛn no.


amma adom akyɛdeɛ biara ammɔ mo, berɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo adiyie no;


wɔn mu na wiase nyame afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn suban no animuonyam asɛmpa no hann anhyerɛn amma wɔn.


Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidie no mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa no anidasoɔ a moteeɛ a wɔaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ no ho.


Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma n’ahotefoɔ hunu ahuntasɛm yi animuonyam ahonya wɔ amanaman mu, a ɛne Kristo a ɔwɔ mo mu, animuonyam anidasoɔ no.


ɛsiane anidasoɔ a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan teɛ.


na da a Kristo a ɔne yɛn nkwa bɛyi ne ho adie no, ɛno na wɔbɛyi mo nso ne no adie animuonyam mu.


Na ɔno yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu no,


Na ɛno ansa na wɔbɛyi deɛ ɔnni mmara biara no adie, deɛ Awurade de n’anomu home bɛkum no na ɔde ne ba no pue bɛyi no hɔ koraa no.


Paulo, Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔno ne yɛn anidasoɔ no hyɛeɛ no,


de kɔma ne dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu hɔ nka wo!


Afei mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn n’ahoyie ne n’ahennie mu no anim.


Deɛ aka a ɛda me hɔ ne tenenee abotire a Awurade, ɔtemmufoɔ tenenee no de bɛma me Ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyie no nyinaa nso bi.


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


de kɔma Tito, me ba pa gyidie korɔ no ara fam. Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo!


Na yɛn Agyenkwa Nyankopɔn adɔeɛ ne ne dɔ yii ne ho adie no,


saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu soɔ, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagyeɛ mu.


Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔreɛ a ɔfiri awufoɔ mu sɔreeɛ no so awo yɛn foforɔ kɔ anidasoɔ a emu wɔ nkwa mu,


na wɔahunu mo gyidie tɔtorɔtɔɔ sɛ ne boɔ yɛ den pii sene sika, a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛeɛ, ama ayeyie ne anidie ne animuonyam, Yesu Kristo ahoyie mu.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔanya gyidie sɛ yɛn deɛ no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo tenenee mu:


Na monnyini yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.


Na yɛahunu na yɛdi adanseɛ sɛ, Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa.


mfa mo ho nsie Nyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu nkɔ daa nkwa mu.


Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa bɛhu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios